Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛma adawurubɔfo 104,327 a wɔn mu 8,238 yɛ daa akwampaefo a wɔkaa Ahenni no ho asɛmpa wɔ January mu no nyinaa ayekoo! Yɛn nyinaa de nsɛmma nhoma 1,073,116 na ɛmae wɔ ɔsram no mu. Eyinom nyinaa yɛ nkɔanim foforo. Ɛda adi sɛ yɛredi adanse fefeefe wɔ yɛn asasesin mu.