Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma October: Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no mma wɔn, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. November: The Bible—What Is Its Message? Sɛ munni bi a, mubetumi de nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mowɔ bi wɔ hɔ no ama. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ mmofra wɔ fie hɔ a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no mma. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ mo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, mubetumi de nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho ama wɔn.
◼ Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ efi January 1, 2012 Ɔwɛn-Aban no so no, wobetintim nea wɔyɛ ma ɔmanfo no wɔ Twi kasa mu ɔsram biara. Afei nso, wɔresan atintim Awake! wɔ Twi kasa mu a ɛbɛba asram abiɛsa biara, fi January-March 2012 Nyan! no so. Yɛhyɛ mo nyinaa nkuran sɛ mo ankasa munsua na momfa nni dwuma wɔ asɛnka mu.
◼ Efi July 15, 2011 Watchtower no so no, wɔayɛ Watchtower foforo a wɔde Borɔfo a emu nyɛ den na akyerɛw. Wɔn a wonni asafo a wɔka Borɔfo kasa mu no nso betumi akra bi akenkan.