Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma November: The Bible—What Is Its Message? Sɛ munni bi a, mubetumi de nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mowɔ bi wɔ hɔ no ama. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ mmofra wɔ fie hɔ a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no mma. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ mo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, mubetumi de nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho ama wɔn. February: Adawurubɔfo betumi de nea edidi so yi mu biara ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba anaa The Bible—God’s Word or Man’s?
◼ Ɛsɛ sɛ wotua ntoboa a woyi de yɛ wiase nyinaa adwuma a wɔde kɔma baa dwumadibea tẽẽ no ma “Watch Tower” (a Watch Tower no yɛ nea wɔde nsɛmfua abien na akyerɛw). Betel adwumayɛbea no fã a ɛhwɛ sika so no address yɛ Watch Tower Bible and Tract Society of Ghana, P. O. Box GP 760, Accra.