Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Sɛ mmofra wɔ fie hɔ a, momfa Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm mma. January: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ mo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, mubetumi de nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho ama wɔn. February: Adawurubɔfo betumi de nea edidi so yi mu biara ama: Is There a Creator Who Cares About You?, Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba, anaa The Bible—God’s Word or Man’s? March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw na wɔmpɛ sɛ mo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a, mubetumi de nsɛmma nhoma dedaw anaa nhomawa biara a wɔn ani gye ho ama wɔn.
◼ Yɛbɛyɛ afe 2013 Nkaedi no Benada, March 26.