Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ yɛanya daa akwampaefo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 8,557. Bio nso, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛma moate sɛ Franse kasa mu Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo adesuakuw a edi kan wiee wɔn adesua wɔ Accra wɔ September 11. Adesuafo 26 no fi Benin, Burkina Faso, Cote d’Ivoire, Mali, Niger, Senegal, ne Togo. Adesuafo no mu 25 na wɔresom sɛ daa akwampaefo anaasɛ akwampaefo atitiriw. Nokwarem no, daa akwampae adwuma no ma yenya hokwan a ɛyɛ anigye wɔ Yehowa som mu!