Ɔsom Adwuma Nkɔso
Wɔ September mu no, wosii Ahenni Asa a ɛto so 700 wɔ Ghana. Nhyehyɛe a wɔayɛ de resisi Ahenni Asa ma Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Aman a Wodi Hia wɔ Hɔ so no na ama yɛatumi ayɛ saa.
Eyi yɛ ade kɛse a yɛatumi ayɛ, na ɛkyerɛ pefee sɛ yɛayɛ adwuma denneennen wɔ mfe 10 a atwam no mu. Aka Ahenni Asa bɛboro 100 a ɛsɛ sɛ yesi ka ho, na yɛn botae ne sɛ yebesi Ahenni Asa 60 wɔ ɔsom afe a yɛwɔ mu yi mu. Yɛn nyinaa rehwɛ kwan sɛ yɛbɛte osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a afi eyi mu aba no. Yɛsrɛ sɛ munnya awerɛhyem sɛ yɛn ani sɔ ntoboa a muyi mo yam de boa ma yesi Ahenni Asa ahorow no kɛse.