Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/12 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
Yɛn Ahenni Som—2012
km 4/12 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase April 30, 2012 mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 20 bɛyɛ ntĩmu a egyina nneɛma a yɛasusuw ho wɔ March 5 kosi April 30, 2012 adapɛn no mu no so. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

1. Dɛn nti na Bible mu nhoma a ɛne Yeremia no so wɔ mfaso ma yɛn? [Mar. 5, w07 3/15 kr. 8 nky. 2]

2. Ɔkwan bɛn na Yehowa betumi afa so ayi yɛn afi ɔtaa mu nnɛ? (Yer. 1:8) [Mar. 5, w05 12/15 kr. 23 nky. 18]

3. Bere bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no san kɔfaa “tete atempɔn no” so, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ saa? (Yer. 6:16) [Mar. 12, w05 11/1 kr. 24 nky. 12]

4. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘balsam ngo wɔ Gilead’ nnɛ? (Yer. 8:22) [Mar. 19, w10-E 6/1 kr. 22 nky. 3–kr. 23 nky. 4]

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘nu ne ho’ bere a wabu atɛn awie no? (Yer. 18:7, 8 Akuapem Twi Bible) [Apr. 2, jr-E kr. 151, adaka]

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa daadaa Yeremia, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Yer. 20:7) [Apr. 2, jr-E kr. 36 nky. 8]

7. Dɛn ne “Yehowa adesoa”? (Yer. 23:33) [Apr. 9, w07-E 3/15 kr. 11 nky. 1]

8. Dɛn nti na asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ wɔ tete mmere mu no sɛ “mede adɔe atwe wo” no fata? (Yer. 31:3) [Apr. 23, jr-E kr. 142-145 nky. 8-11]

9. Ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛw Onyankopɔn mmara wɔ koma mu? (Yer. 31:33) [Apr. 23, w07 3/15 kr. 11 nky. 2]

10. Atirimpɔw bɛn nti na sɛ wɔtɔ biribi a, na wɔyɛ ho adanse nkrataa abien? (Yer. 32:10-15) [Apr. 30, w07 3/15 kr. 11 nky. 3]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena