Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Baabi a wɔbɛkyerɛ ho anigye no, momfa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no mma wɔn, na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
◼ Mubetumi ayɛ ɔsom nhyiam a etwa to a mobɛyɛ ansa na moakɔ ɔmantam nhyiam no mu nsakrae na ama moatumi atĩ nhyiam a mobɛkɔ no ho afotu ne nkaebɔ no mu. Ɔsram biako anaa asram abien wɔ mo nhyiam no akyi no, mubetumi de asafo mu ahiade bere no atĩ nhyiam dwumadi no mu nsɛm a adawurubɔfo ahu sɛ ɛboa wɔ asɛnka mu no mu.
◼ Bere biara a woreyɛ nhyehyɛe atu kwan akɔ ɔman foforo so a wobɛpɛ sɛ wokɔ ɔmantam nhyiam no, wubetumi anya nsɛm a ɛbɛboa wo wɔ Intanɛt so. Kɔ jw.org na hwɛ “Conventions” afã hɔ wɔ “Lookup” ase hɔ.