Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/12 kr. 1
  • Fa Ɔkwan a Etu Mpɔn So Ka Asɛm No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Ɔkwan a Etu Mpɔn So Ka Asɛm No
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Montra M’asɛm Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Momfa Nsɛmma Nhoma Dedaw Anaa Nhomawa a Ofiewura no Ani Gye Ho Mma”
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Yɛn Nhoma Horow No A Yɛde Bedi Dwuma Nyansa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Ka Asɛm no Kyerɛ “Nnipa Ahorow Nyinaa”
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 9/12 kr. 1

Fa Ɔkwan a Etu Mpɔn So Ka Asɛm No

1. Dɛn na yebetumi asua afi akwan horow a tete Kristofo no faa so kaa asɛm no mu?

1 Tete Kristofo no kaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ ne ɔsom a wɔwom. (Kol. 1:23) Ɛwom sɛ wɔn nyinaa kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm de, nanso ɛsono akwan a wɔfaa so kaa ho asɛm kyerɛɛ atiefo no. Sɛ nhwɛso no, bere a Petro kasa kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ obu paa ma Kyerɛwnsɛm no, ɔde nsɛm a odiyifo Yoel kae no na efii n’asɛm no ase. (Aso. 2:14-17) Nanso, hwɛ ɔkwan a Paulo faa so ne Helafo susuw nsɛm ho sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo nnwuma 17:22-31 no. Ɛnnɛ, nsasesin bi mu nnipa wɔ obu ma Kyerɛwnsɛm no ma enti yebetumi de Bible no adi dwuma ntɛm ara bere a yɛkɔ afie afie asɛnka no. Nanso ebia ɛho behia sɛ yɛyɛ anifere paa bere a yɛne nnipa a wɔn ani nnye Bible anaa nyamesom ho anaa wɔnyɛ Kristosom mufo rekasa no.

2. Yɛbɛyɛ dɛn de nhoma a yɛde rema no aboa wɔn a wɔn ani gye Bible ho ne wɔn a wɔn ani nnye ho no?

2 Fa Nhoma a Yɛde Ma no Di Dwuma Yiye: Yɛbɛsesa nhoma a yɛde bɛma wɔ ɔsom afe yi mu no asram abien biara, na yɛde nsɛmma nhoma, nkratawa, ne nhomawa ahorow na ɛbɛma. Sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu ani nnye Bible no ho mpo a, yebetumi ama wɔn biribi a wɔn ani begye ho. Sɛ ofiewura bi kyerɛ asɛm no ho anigye na yɛankenkan kyerɛwsɛm ankyerɛ no anaa yɛantwe n’adwene ansi Bible no so tẽẽ wɔ bere a edi kan a yɛkɔɔ ne nkyɛn no mu mpo a, yebetumi asan akɔ ne nkyɛn akɔboa no ma wɔanya gyidi wɔ Ɔbɔadeɛ no ne n’Asɛm a efi honhom mu no mu. Nanso, sɛ yɛreka asɛm no wɔ baabi a nkurɔfo ani gye Bible no ho a, yebetumi ama wɔn nhoma, na yɛde Bible no adi dwuma. Nokwarem no, yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no ama bere biara, ɛmfa ho nhoma a yɛde rema wɔ ɔsram no mu no. Nea ehia ara ne sɛ yɛbɛfa ɔkwan a etu mpɔn so.

3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no koma te sɛ asase?

3 Siesie Asase No: Onipa koma te sɛ asase. (Luka 8:15) Ehia sɛ wosiesie nsase bi yiye ansa na yɛatumi agu Bible mu nokware aba no wɔ so ma atumi agye ntini na anyin. Afeha a edi kan mu asɛmpakafo no tumi guu aba no wɔ nsase horow nyinaa so, na eyi ma wonyaa anigye ne akomatɔyam. (Aso. 13:48, 52) Sɛ yɛma yɛn ani ku akwan a yɛfa so ka asɛm no ho a, yɛn nso yebetumi agu aba no wɔ baabiara ma no anyin.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena