Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛde nsɛmma nhoma dodow a ɛsen biara a ɛyɛ 1,473,257 mae wɔ March, afe 2012 Nkaedi bere no mu. Adawurubɔfo a wɔdɔɔso sen biara a wɔn dodow yɛ 109,955 na wobuu akontaa wɔ May mu, na daa akwampaefo a wɔdɔɔso sen biara a wɔn dodow yɛ 9,776 na wobuu akontaa wɔ June mu. (Yenyaa daa akwampaefo a wɔn dodow dɔɔso sen biara foforo wɔ ɔsram biara mu wɔ asram 15 a atwam no mu). Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ adwuma kɛse wɔ afe 2013 Nkaedi bere no mu.