Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/12 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu
  • Yɛn Ahenni Som—2012
Yɛn Ahenni Som—2012
km 12/12 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Ntĩmu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase December 31, 2012 mu. Wɔde da a yebesusuw asɛm no mu biara ho aka ho sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu bere a woresiesie wo ho ama sukuu no dapɛn biara no.

1. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛfa nkoekoemmoa a wɔsɛe ade ho a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yoel 2:1-10, 28 no anya mmamu? [Nov. 5, w07 10/1 kr. 13 nky. 1]

2. Amos 8:11 nyaa mmamu wɔ henanom so, na esiane sɛ yɛte bere a honhom fam aduan abu so mu nti, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho? [Nov. 12, jd-E nkr. 60-61 nky. 9]

3. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Edomfo bɛyɛɛ ahantan wɔ komam, na nokwasɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da? (Oba. 3, 4) [Nov. 19, w07 11/1 kr. 14 nky. 1]

4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nuu ne ho wɔ amanehunu a ɔkae sɛ ɔde bɛba Niniwefo so no ho? (Yona 3:8, 10) [Nov. 19, w07 11/1 kr. 15 nky. 1]

5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn din mu a yɛbɛnantew no bɛhyɛ yɛne no ntam abusuabɔ mu den? (Mika 4:5) [Nov. 26, jd-E kr. 88 nky. 12]

6. Awerɛhyem bɛn na nkɔmhyɛ a wɔakyerɛw wɔ Nahum 2:6-10 a ɛbaa mu no ma yenya? [Dec. 3, w07 11/15 kr. 9 nky. 2; w88-E 2/15 kr. 28 nky. 7]

7. Dɛn na Hagai 1:6 kyerɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi mu? [Dec. 10, w06 4/15 kr. 22 nky. 12-15]

8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de afotu pa a wɔakyerɛw wɔ Sakaria 7:10 a ɛne sɛ ‘yɛmmmɔ yɛn nua ho pɔw bɔne’ wɔ yɛn komam no adi dwuma? [Dec. 17, jd-E kr. 113 nky. 6; w07 12/1 kr. 11 nky. 3]

9. Dɛn nti na nsɛm a ɛwɔ Sakaria 4:6, 7 yɛ awerɛkyekye ma Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no? [Dec. 17, w07 12/1 kr. 11 nky. 1]

10. Esiane asɛm a wɔaka wɔ Malaki 3:16 nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebekura yɛn mũdi mu ama Onyankopɔn? [Dec. 31, w07 12/15 kr. 29 nky. 3]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena