Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/13 kr. 4
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2013
Yɛn Ahenni Som—2013
km 2/13 kr. 4

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mutumi de di dwuma yiye wɔ mo asasesin mu mma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. March ne April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ moreyɛ sankɔhwɛ a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no nni dwuma, na sɛ Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no na ebetumi aboa onipa no yiye a, momfa biako mma no na mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. May: Momfa nkratawa a edidi so yi a mowɔ bi wɔ hɔ no mu bi mma: Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu?; Yesu Kristo—Ɔne Hena?; So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No?; Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu ne Hena Na Odi Wiase no So Ankasa? Sɛ onipa no kyerɛ ho anigye a, momfa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nhomawa no mu biako nkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua.

◼ Wɔayɛ Nkaedi ho ɔkasa foforo, na ɛsɛ sɛ akasafo a wɔbɛma Nkaedi ho ɔkasa no nyinaa fi ase de di dwuma wɔ afe 2013 mu. Afe yi, ɔkasa no asɛmti ne: “Kyerɛ Nea Kristo Ayɛ Ama Wo no Ho Anisɔ!”

◼ Afe 2013 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no asɛmti ne “Sɛ Onipa Wu a Na Asa?”

◼ Betel adwumayɛbea no ani sɔ osuahu ahorow a wɔn nsa ka fi anuanom hɔ no paa. Wubetumi afa mo asafo mu ɔsom boayikuw no so de wo suahu amena ntɛm ara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena