Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/13 kr. 3-4
  • Tie na Sua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tie na Sua
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • So Woasiesie Wo Ho Ama Honhom Fam Apontow?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • ‘Muntie na Mo Nimdeɛ Nnɔɔso’
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 4/13 kr. 3-4

Tie na Sua

1. Sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden tie asɛm no na yesua biribi fi mu?

1 Ɛrenkyɛ wobefi ase ayɛ afe 2013 amantam nhyiam no. Wɔde bere pii na asiesie dwumadi a ebedi nea yehia seesei wɔ wiase nyinaa ho dwuma ama yɛn. So woayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi akɔ nhyiam no nnansa no nyinaa? Sɛ yɛyɛ nhyiam akɛse a, nneɛma pii betumi atwetwe yɛn adwene, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa na yɛatumi ayɛ aso atie dwumadi no yiye. Esiane sɛ bere a yɛde yɛ dwumadi no kyɛ sen bere a yɛde yɛ asafo nhyiam nti ɛho behia sɛ yɛyɛ aso bere tenten. Bio nso, akwantu ne nneɛma afoforo betumi ama yɛabrɛ. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ aso atie na yɛasua biribi afi mu?—Deut. 31:12.

2. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma ama nhyiam dwumadi no?

2 Ansa na Nhyiam no Befi Ase: Wɔde nhyiam no ho nhyehyɛe ne ɔkasa ahorow no asɛmti a kyerɛwsɛm titiriw biako anaa abien a egyina so ka ho begu yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ wɔ www.pr2711.com. Sɛ yɛwɔ Intanɛt na yedi kan hwɛ nsɛm a wɔde agu hɔ no a, ebesiesie yɛn koma ma yɛatie asɛm a wɔbɛka wɔ hɔ no. (Esra 7:10) So mubetumi agye bere asusuw dwumadi no ho wɔ mo anwummere Abusua Som ase na ama mo mu biara de anigye ahwɛ nhyiam no kwan?

3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatie asɛm no yiye?

3 Bere a Dwumadi no Rekɔ So: Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yebetumi akɔ agyananbea anaa adwensɔe ansa na wɔafi dwumadi no ase. Sɛ mmofra pɛ sɛ wɔkɔ mmeae a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin bi ka wɔn ho. Sɛ dwumadi no rekɔ so a nea ɛbɛyɛ na biribiara ntwetwe w’adwene no, dum wo mobile fon na amma nkurɔfo amfrɛ wo anaa wɔankyerɛw nsɛm ammrɛ wo, na wo nso woanyɛ w’adwene sɛ wobɛkyerɛw bi akɔma wɔn. Sɛ worentumi nnum wo fon a, fa to baabi a sɛ obi frɛ wo a ɛrentwetwe afoforo adwene. Sɛ wode afiri a wɔfrɛ no tablet bedi dwuma bere a nhyiam no rekɔ so a, hwɛ na antwetwe afoforo adwene. Kwati sɛ wubedidi anom bere a dwumadi no rekɔ so no. (Ɔsɛnk. 3:1) Hwɛ ɔkasafo no anim. Sɛ wɔbɔ kyerɛwsɛm bi a, bue wo Bible mu na di akenkan no akyi, na yɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa.

4. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma na wɔatumi atie asɛm na wɔasua biribi afi mu?

4 Yɛpɛ sɛ yɛn mma nso tie asɛm na wosua biribi fi mu. Mmebusɛm 29:15 ka sɛ: “Ɔba a wɔato no asaworam hyɛ ne maame aniwu.” Enti ɛyɛ papa sɛ mmusua bɛbom atena faako sɛnea ɛbɛyɛ a awofo betumi ahwɛ sɛ wɔn mma ayɛ aso retie asɛm, na ɛnyɛ sɛ wɔrekasa, wɔrekyerɛw nsɛm de mena anaasɛ wɔnenam. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ nhyiam no dwumadi nyinaa mu a drama no nso ka ho. Sɛ mmofra no susua dodow sɛ wɔbɛte biribiara ase mpo a, wobetumi akyerɛ wɔn sɛnea wɔtena ase komm tie asɛm.

5. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yedwinnwen dwumadi no ho, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

5 Da Biara Da a Yɛbɛpɔn Dwumadi No: Sɛ wupue a nkyɛ pii. Da ntɛm na woatumi ahome yiye. Sɛ wudwinnwen asɛm a wokotiei no ho a, ɛremma wo werɛ mmfi no ntɛm. Enti sɛ wɔpɔn nhyiam no a, anwummere biara mubetumi agye bere kakra asusuw dwumadi no ho sɛ abusua na mubenya so mfaso. Sɛ wo ne wo nnamfonom kɔ adidibea a, wubetumi afa kyerɛwtohɔ a woyɛe no na wo ne wɔn asusuw asɛm biako anaa abien bi a w’ani gyee ho no ho. Sɛ wowie nhyiam no a, mubetumi agye bere asusuw dwumadi no ho wɔ mo anwummere Abusua Som ase, na moahwɛ ɔkwan a mubetumi afa so de ayɛ adwuma sɛ abusua. Sɛ woyi nhoma bi adi a, mubetumi nso ayi bere asi hɔ dapɛn biara de asusuw emu asɛm bi ho.

6. So nhyiam no a yɛbɛkɔ no ara dɔɔso? Kyerɛkyerɛ mu.

6 Sɛ wɔtow pon na nkurɔfo ankodi aduan no a, mfaso biara remma apontow no so. Saa ara na honhom fam pon a wɔbɛtow ama yɛn wɔ ɔmantam nhyiam ase no te. Momma yɛnkɔ nhyiam no nyinaa, yɛnyɛ aso ntie asɛm yiye, yɛmfa nea yebesua no mmɔ yɛn bra na yɛanya so mfaso kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena