Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ daa akwampaefo 10,196 na wobuu akontaa wɔ October 2012 ɔsram no mu, na eyi yɛ dodow nkɔanim foforo koraa. Sɛ yɛde wɔn toto daa akwampaefo a wobuu akontaa wɔ October 2011 mu no ho a, yenyaa nkɔanim a ɛyɛ ɔha mu nkyem 11.3. Amanneɛbɔ a ɛka koma yi da no adi sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa.—Mat. 22:37-39.