Ɔsom Adwuma Nkɔso
Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ 2013 ɔsom afe no baa n’awiei no, yenyaa adawurubɔfo dodow 118,281. Eyi yɛ nkɔanim foforo a yɛanya, na ɛboro afe a etwaam no de so ɔha mu nkyem 4. Yɛyɛɛ Bible adesua 353,565; yɛn mpaebɔ ne sɛ wɔn mu pii befi asɛnka ase wɔ 2014 ɔsom afe no mu, enti momma yɛnyere yɛn ho mmoa wɔn.