Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/14 kr. 2
  • Ɛkwan Foforɔ a Yɛfa so Di Adanseɛ wɔ Badwam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛkwan Foforɔ a Yɛfa so Di Adanseɛ wɔ Badwam
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwan Foforo a Yɛbɛfa So Ayɛ Baguam Adansedi
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Trɔk a Yɛde Di Adanse
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Mmorɔn so Adansedi a Etu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Fa Wo Bere Di Dwuma Yie Wɔ Asɛnka Mu
    Yɛn Ahenni Som—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 11/14 kr. 2

Ɛkwan Foforɔ a Yɛfa so Di Adanseɛ wɔ Badwam

1. Asafo ahodoɔ a wɔwɔ asasesini a nnipa pii fa hɔ no, nyansahyɛ bɛn na wɔde ama wɔn?

1 Asafo ahodoɔ a wɔn asasesini mu no wɔwɔ baabi a nnipa pii fa hɔ no, wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔnhyehyɛ nwoma wɔ ɛpono anaa trɔk so mfa nyɛ badwam adansedie. Sɛ mohyehyɛ nwoma wɔ trɔk so a, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfoɔ baako na ɔgyina ho anaa ɔtena ho. Nanso, ɛyɛ ɛpono so deɛ a, ɛnneɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ adawurubɔfoɔ mmienu. Adawurubɔfoɔ a wɔbɛma wɔakɔyɛ badwam adansedie no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn anim te, na nkurɔfoɔ tumi bɛn wɔn. Sɛ obi ba nwoma a wɔahyehyɛ no ho a, adawurubɔfoɔ no mu baako bɛtumi ne no abɔ nkɔmmɔ. Ɔbɛtumi aka sɛ: “Saa asɛm yi, woadwene ho pɛn ahunu nea Bible ka fa ho?” Ɔdawurubɔfoɔ baako anaa mmienu bɛtumi ate wɔn ho kakra afiri baabi a nwoma no sie no ayɛ bɔnnɔ so adansedie.

2. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛ yɛhyehyɛ nwoma ɛpono so anaa trɔk so de yɛ badwam adansedie a, ɛso aba.

2 Ɛkwan foforɔ a yɛfa so yɛ badwam adansedie no ama nnipa pii afiri aseɛ resua Bible no. Kɔlegeni bi yɛɛ sɛ ɔbɛyɛ nhwehwɛmu atwerɛ biribi afa Yehowa Adansefoɔ ho, nanso wanhunu Ahennie Asa biara ankɔbisa yɛn ho asɛm. Nnawɔtwe a ɛdi hɔ no, ɔhunuu sɛ anuanom ahyehyɛ nwoma wɔ ɛpono so si sukuu mu hɔ. Ɔkɔɔ ho, na anuanom ne no yɛɛ nhyehyɛeɛ firii Bible adesua ase. Yɛrekasa yi, kɔlegeni yi abɔ asu, na ɔno nso reyɛ badwam adansedie no bi.

3. Sɛn na adawurubɔfoɔ bi hunu badwam adansedie no?

3 Onuawa baako a n’ani agye saa badwam adansedie yi ho kaa sɛ: “Ebinom ba nwoma a yɛahyehyɛ no ho bɛfa nsɛmma nwoma a aba foforɔ no bi. Wɔn a wɔba ho no bi mpo ntee Yehowa Adansefoɔ din da. Mahunu sɛ badwam adansedie no yɛ ɛkwan foforɔ a ɛbɛma yɛadi nnipa pii adanseɛ.” Onuawa bi nso kaa sɛ: “Wei yɛ kwan foforɔ a ɛyɛ anika a yɛfa so ka asɛm no, ɛfiri sɛ nnipa no ankasa na ɛba wo nkyɛn; sɛ wɔn ani nnye ho mpo a, wɔpɛ sɛ wɔhunu nea ɛrekɔ so.”

4. Yɛreyɛ badwam adansedie a, mfasoɔ wɔ so sɛ yɛbɛnya berɛ pɔtee ne baabi pɔtee a yɛde yɛn nwoma no bɛsi nnawɔtwe biara. Adɛn ntia?

4 Sɛ yɛnya ɛda, berɛ, ne baabi pɔtee a yɛde nwoma no bɛsi nnawɔtwe biara a, ɛboa paa. Ɛba saa a, da biara nkurɔfoɔ bɛhunu sɛ ɛhɔ na yɛde nwoma no si, na sɛ wɔwɔ asɛmmisa anaa wɔpɛ nwoma no bi a ɛrenyɛ den mma wɔn sɛ wɔbɛba ho. Mo asafo no ayɛ badwam adansedie ho nhyehyɛeɛ? Sɛ saa a, ɛnneɛ wo nso wobɛtumi de wo ho ahyem na ‘woakɔka Onyankopɔn Ahennie no akyerɛ.’ Ɛyɛ ɛkwan a yɛfa so nya nnipa pii ma wɔtie asɛm no, na ɛma yɛn ani gye.​—Luka 9:60.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena