Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/15 kr. 2
  • Ma W’asɛnka Adwuma Nnya Nkɔsoɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’asɛnka Adwuma Nnya Nkɔsoɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Nkɔso wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Abusuabɔ a Emu yɛ Hyew a Wonya mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ka Asɛm No Fa Yɛ Asuafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 1/15 kr. 2

Ma W’asɛnka Adwuma Nnya Nkɔsoɔ

1. Ɔkwan bɛn so na tete Kristofoɔ no nhwɛsoɔ ma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ yɛnya nkɔsoɔ wɔ asɛnka adwuma no mu?

1 Ɛsɛ sɛ Kristoni biara nya nkɔsoɔ wɔ n’asɛnka adwuma mu. Wei nti, Yesu tetee n’asuafoɔ nkakrankakra na wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no yie. (Luka 9:1-5; 10:1-11) Akwila ne Priskila nso faa Apolo kaa wɔn ho na wɔkyerɛkyerɛɛ “Onyankopɔn akwan no mu pefee kyerɛɛ no.” (Aso. 18:24-26) Paulo nso boaa Timoteo sɛnea ɔbɛnya nkɔsoɔ wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛwom, na Timoteo yɛ ɔsɛmpakafoɔ a ne ho akokwa, nanso Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmma n’ani nku ne nkyerɛkyerɛ ho na ama ne nkɔsoɔ “ada adi nnipa nyinaa anim.” (1 Tim. 4:13-15) Sɛ yɛayɛ asɛnka adwuma no akyɛ oo, sɛ afei na yɛahyɛ ase oo, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn wɔ Awurade adwuma no mu.

2. Yɛbɛyɛ dɛn asua nneɛma bi afi afoforɔ hɔ?

2 Sua Biribi Fi Afoforɔ Hɔ: Ɔkwan baako a yɛbɛfa so atu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu ne sɛ yɛbɛhwɛ afoforɔ asua wɔn. (Mmeb. 27:17) Enti sɛ nea ɔka wo ho no redi adanseɛ a, yɛ aso tie. Wobɛtumi nso abisa anuanom a wɔn ho akokwa ma wɔama wo nyansahyɛ pɔtee bi a wode bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ wɔne wo resusu nsɛm ho a, yɛ aso tie no yie. (Mmeb. 1:5) Ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ sankɔhwɛ anaa wobɛfi Bible adesua ase anaa wobɛyɛ asɛnka adwuma no fã bi. Sɛ saa a, mfɛre; bisa w’asɛnka kuo sohwɛfoɔ anaa ɔdawurubɔfoɔ bi a ne ho akokwa ma ɔnkyerɛ wo. Kae nso sɛ Yehowa honhom kronkron bɛtumi aboa wo ma wɔatu mpɔn. Enti kɔ so bɔ ho mpaeɛ.​—Luka 11:13.

3. Sɛ obi fi ne pɛ mu ma yɛn nyansahyɛ bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

3 Sɛ mpo woammisa na obi fi ne pɛ mu ma wo nyansahyɛ bi a, mma wo bo mfu. (Ɔsɛnk. 7:9) Mmom, brɛ wo ho ase gye tom, na kyerɛ ho anisɔ sɛnea Apolo yɛeɛ no. Woyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woyɛ onyansafoɔ.​—Mmeb. 12:15.

4. Asɛm titire bɛn na Yesu kaeɛ a ɛma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ yɛnya nkɔsoɔ wɔ asɛmpaka adwuma no mu?

4 Yɛn Nkɔsoɔ Hyɛ Onyankopɔn Animuonyam: Yesu yɛɛ mfatoho bi de hyɛɛ n’akyidifoɔ nkuran na wɔanya nkɔsoɔ wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu. Ɔde ne ho totoo bobe dua ho, na ɔde n’akyidifoɔ a wɔasra wɔn no totoo dua no nkorabata ho. Ɔkaa sɛ n’Agya yiyi nkorabata biara ho na “atumi aso aba pii.” (Yoh. 15:2) Sɛnea bobe wura pɛ sɛ nkorabata biara so aba pii no, saa ara na Yehowa pɛ sɛ yɛnya nkɔsoɔ na yɛso “anofafa aba” pii wɔ asɛnka adwuma no mu. (Heb. 13:15) Sɛ yɛnya nkɔsoɔ wɔ asɛmpaka adwuma no mu a, dɛn na ɛfi mu ba? Yesu ma yɛnya mmuaeɛ no. Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛhyɛ m’Agya animuonyam ne sɛ mobɛkɔ so aso aba pii.”​—Yoh. 15:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena