Nkaebɔ Ahorow
◼ Nwoma a yɛde bɛma March ne April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! May ne June: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? anaa nkratawa a ɛdidi so yi mu biara: Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? (T-30), Wohwɛ a, Dɛn na Ebesi Daakye? (T-31), Dɛn na Ɛde Anigye Ba Abusua Mu? (T-32), Hena Paa na Odi Wiase Yi So? (T-33), Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? (T-34).
◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Fida, April 3, 2015. Sɛ mo asafo no kɔ adesua Fida a, ɛnneɛ momfa adesua no nhyɛ da foforo. Sɛ kwan biara nna Ahenni Asa no so, nanso biribi wɔ dwumadi no mu a ɛbɛboa mo asafo no a, mpanyimfo ntam nkitahodifo no bɛtumi ayɛ nsakrae na ɔde ahyɛ Ɔsom Nhyiam dwumadi bi mu wɔ bosome no mu.