BIBLE MU AKORADE | 2 BERESOSƐM 33-36
Yehowa Ani Sɔ Nokware Ahonu
Nea Yɛaprente
MANASE
Yehowa maa Asiriafo kyeree no guu no mpokyerɛ, na wɔde no kɔɔ Babilon
ANSA NA WƆREKYERE NO
Osii afɔremuka maa atoro anyame
Ɔde ɔno ara ne mma bɔɔ afɔre
Ohwiee mogya a edi bem gui
Ɔmaa ɔman no nyinaa de wɔn ho hyɛɛ abosonsom mu
WOGYAW NO MA ƆSAN BEDII ADE
Ɔbrɛɛ ne ho ase pii
Ɔbɔɔ Yehowa mpae, na ɔbɔɔ afɔre
Oyiyii afɔremuka a osisi maa atoro anyame no
Ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔnsom Yehowa
YOSIA
N’AHENNI NYINAA MU
Ɔhwehwɛɛ Yehowa
Ɔtew Yuda ne Yerusalem ho
Osiesiee Yehowa fie na okohuu Mmara nhoma no