Onyankopɔn Dɔ Wo, Na Ɔpɛ Sɛ Ohyira Wo Afebɔɔ
No. 3 2020
© 2020 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
Nhoma yi, yɛntɔn. Yɛde yɛ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma wɔ wiase nyinaa. Nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de boa adwuma no. Sɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa a, yɛsrɛ wo, kɔ donate.jw.org. Bible mu nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa fi Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu, gye sɛ yɛakyerɛ sɛ efi baabi foforo
NSƐMMA NHOMA yi a ne din de Ɔwɛn-Aban no hyɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔne Amansan Hene no anuonyam. Ɛka asɛmpa a ɛne sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn soro Ahenni no beyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ, na ɛbɛma asase adan paradise; ɛnam asɛmpa yi so kyekye nnipa werɛ. Nsɛmma nhoma yi ma nnipa nya Yesu Kristo mu gyidi. Ɔno na owui sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya daa nkwa, na seesei ɔno ne Onyankopɔn Ahenni no so hene. Yɛakɔ so atintim nsɛmma nhoma yi fi afe 1879, na yɛmfa nyɛ amanyɔsɛm. Emu nsɛm nyinaa gyina Bible so.