KRISTOFO ABRABƆ
Di Ahurusi W’anidaso Mu
Anidaso te sɛ sɛkyɛ. (Heb 6:19) Ɛboa yɛn na sɛ yehyia ɔhaw a ɛte sɛ po so ahum a, yɛn gyidi angu asu. (1Ti 1:18, 19) Ɔhaw a ayɛ sɛ po so ahum no, ebi betumi ayɛ huammɔdi, yɛn agyapade a ebefi yɛn nsa, yare koankorɔ, yɛn dɔfo bi wu, anaa biribiara a ebetumi asɛe yɛn nokwaredi.
Gyidi ne anidaso boa yɛn ma yehu akatua a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no yiye. (2Ko 4:16-18; Heb 11:13, 26, 27) Enti sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asase so oo, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn anidaso no mu den. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ɛsɛ sɛ yedwinnwen bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho. Yɛyɛ saa na sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛbɛyɛ den sɛ ɛbɛsɛe yɛn anigye.—1Pe 1:6, 7.
MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN MUNNI AHURUSI ANIDASO NO MU NO, NA MUMMUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Mose yɛ obi a ɛsɛ sɛ yesuasua no. Adɛn ntia?
Asɛyɛde bɛn na mmusua ti wɔ?
Nneɛma bɛn saa na mubetumi asua wɔ Abusua Som ase?
Sɛ worehyia sɔhwɛ a, ɔkwan bɛn so na anidaso betumi aboa wo ama wode akokoduru agyina ano?
Ɛdɛn na worehwɛ kwan sɛ wubenya daakye?