Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 October kr. 7
  • Fa Wo Nkwa Yi Yehowa Ayɛ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Nkwa Yi Yehowa Ayɛ!
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hokwan Biara a Wowɔ No, Ma W’ani Nnye Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Talente Ho Bɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Dɛn na Ɛkanyan Wo ma Wosom Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 October kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Wo Nkwa Yi Yehowa Ayɛ!

Nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo. Ɔkwan a yɛfa so de saa akyɛde yi yɛ adwuma da biara no na ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ paa. Yɛyɛ Yehowa Adansefo nti yɛbɔ mmɔden de yɛn dom akyɛde ne yɛn nimdeɛ yi Yehowa ayɛ, na yɛhyɛ no anuonyam efisɛ ɔno na wama yɛn nkwa. (Dw 36:9; Adi 4:11) Nanso anhwɛ a, wiase bɔne yi mu dadwen betumi apia nneɛma pa a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si so wɔ Onyankopɔn som mu no ato nkyɛn. (Mr 4:18, 19) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Enti nea ɛsom bo ma me paa na mede rema Yehowa no? (Ho 14:2) Sɛn na m’adwuma ka me som? Nyankopɔn som mu botae bɛn na mede asi m’ani so? Mɛyɛ dɛn ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu?’ Wuhu sɛ ehia sɛ wobɔ wo ho mmɔden a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na yɛ nsakrae biara a ehia. Sɛ da biara yetumi yi Yehowa ayɛ a, ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam, na yɛn ani agye!—Dw 61:8.

Edgardo Franco reto dwom; Edgardo Franco wɔ asɛnka mu

Hena na wode wo dom akyɛde resom no?

MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA WO DOM AKYƐDE SOM YEHOWA, NA MUMMUA NSƐMMISA YI:

  • Sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi a, adɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛde bɛboa Satan wiase no? (1Yo 2:17)

  • Sɛ nea ɛsom bo ma yɛn paa no, yɛde ma Yehowa a, nhyira bɛn na yebenya?

  • Ɔsom adwuma no afã horow bɛn na wubetumi de wo dom akyɛde ne wo nimdeɛ aboa?

MUBETUMI DE WEI AYƐ ABUSUA SOM:

  • Mompɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔde mfe pii asom Yehowa na mummisa no nsɛm. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mompɛ bere nyinaa somfo bi. Mummisa no sɛ: Nneɛma bɛn na wafi ne komam de abɔ afɔre resom Yehowa? Sɛn na Yehowa ahyira no?

  • Kɔ JW Broadcasting, na hwɛ NKƆMMƆ-TWETWE NE EBINOM ASETENAM NSƐM. Wokɔ hɔ a, wubehu nnipa pii a wɔde wɔn bere nyinaa aka ɔsom adwuma no afã horow ahwɛ, ne anigye a wɔanya

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena