BIBLE MU AKORADE | MATEO 1-3
“Ɔsoro Ahenni No Abɛn”
Sɛ wohwɛ atade a na Yohane hyɛ ne sɛnea wasiesie ne ho a, obi nka nkyerɛ wo sɛ ɔyɛ awiɛmfoɔ a ɔde ne ho nyinaa ama Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde
Yohane dii Yesu anim besiesiee kwan mu maa no. Wei yɛ hokwan soronko a ɛso bi nni, na ɛkyɛn biribiara a ɔde bɔɔ afɔre
Sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ a, ɛma yetumi yɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu na ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam paa. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho awiɛmfoɔ a, yebetumi ayɛ nneɛma a edidi so yi:
hu nneɛma a wuhia ankasa
ntotɔ nneɛma basabasa
sẽsẽ wo sika na woanni ammoro w’akatua
nneɛma a ɛho nhia wo bio no, tow gu, tɔn anaa fa kyɛ
tuatua wo ho aka
tew honam fam adwuma bebrebe so
Aduan a na Yohane di ne mmoadabi ne wuram ɛwo
Sɛ meyɛ me ho awiɛmfoɔ a, botae bɛn na ɛbɛboa me ma mede asi m’ani so?