BIBLE MU AKORADE | MARKO 3-4
Ɔsaa Yare Homeda
Adɛn nti na Yudafo nyamesom akannifo no nneyɛe no maa Yesu werɛ howee kɛse? Efisɛ mmara nketenkete bebree a wɔde kaa Homeda no ho maa Homeda no bɛyɛɛ adesoa. Ɛho nhwɛso ne mmara bi a na ɛka sɛ ɛyɛ akyide sɛ obi bekum sommɔre. Afei sɛ obi bɛsa yare Homeda a gye sɛ ɔyarefo no rewu ara ne sa, anyɛ saa a wato mmara. Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi nan mu bu anaa efirikyi a, na wɔrentumi nsa no yare Homeda. Ɛda adi pefee sɛ, na nyamesom akannifo no nnwene ɔbarima a na ne nsa awu no ho koraa.