BIBLE MU AKORADE | 2 KORINTOFO 4-6
“Yɛmpa Abaw”
Fa no sɛ mmusua mmienu bi te dan dedaw bi a ɛreyɛ abu mu. Abusua baako de, emufo adwene atu afra, na ɛyɛ ne kwan so. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, abusua a ɛka ho no de, emufo ani agye. Adɛn ntia? Efisɛ ɛrenkyɛ saa abusua yi betu akɔ dan foforo fɛfɛɛfɛ bi mu.
Ɛwom, “abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane besi nnɛ,” nanso Onyankopɔn asomfo wɔ anidaso bi a ɛboa wɔn ma wotumi gyina ɔhaw ahorow ano. (Ro 8:22) Yenim sɛ ɔhaw a yɛrehyia seesei ne nea ateetee yɛn mfe pii mpo, sɛ yɛde toto daa nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no ho a, ɛyɛ “bere tiaa mu de na ɛyɛ hare.” Nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ yɛn daakye no, sɛ yɛde yɛn adwene si so a, ɛbɛma yɛn ani agye na yɛampa abaw.