Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 June kr. 8
  • Nea Ɛbɛma Woanya Wo Kokoam Adesua So Mfaso Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Woanya Wo Kokoam Adesua So Mfaso Kɛse
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wo Gyidi Nyɛ Den Denam Kokoam Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Asɛm Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Adesua So Wɔ Mfaso
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Adesua—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 June kr. 8

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Woanya Wo Kokoam Adesua So Mfaso Kɛse

NEA ENTI A ƐHO HIA: Sɛ yɛn ankasa yi bere si hɔ de sua Onyankopɔn Asɛm a, ɛboa yɛn ma ‘yehu nokware no tɛtrɛtɛ, ne tenten, ne sorokɔ ne sɛnea emu dɔ yiye.’ (Efe 3:18) Afei ɛboa yɛn ma yɛkɔ so yɛ nnipa a asɛm ne dɛm biara nni yɛn ho wɔ wiase bɔne yi mu, na ɛma yeso “nkwa asɛm no mu denneennen.” (Flp 2:15, 16) Kokoam adesua ma yetumi paw nea yesua a ɛbɛboa yɛn. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya Bible akenkan ne ne sua so mfaso kɛse?

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Sɛ Bible a wɔatintim na wode sua ade oo, sɛ ɛwɔ ɛlɛtrɔnik afiri so oo, wubetumi atwitwa nkyekyɛm ahorow ase na woayɛ kyerɛwtohɔ

  • Sɛ worekenkan Onyankopɔn Asɛm a, bisa wo ho nsɛm yi: ‘Hena ho asɛm na ɛreka? Ɛfa dɛn ho? Bere bɛn na asɛm no sii? Esii wɔ he? Adɛn ntia? Ɔkwan bɛn so na metumi de ayɛ adwuma?’

  • Hu asɛm no ani so. Fa nnwinnade a asafo ayɛ sɛ yɛmfa nyɛ nhwehwɛmu di dwuma. Hwehwɛ asɛmti anaa Bible nkyekyɛm bi

  • Dwinnwen nea worekenkan no ho, na hwɛ sɛnea ɛfa wo ho

  • Fa nea wusua no bɔ wo bra.—Lu 6:47, 48

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SUA ADE YIYE FA ‘SO NKWA ASƐM NO MU DEN’ NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na anuanom bi ka faa kokoam adesua ho?

  • Adɛn nti na yɛrebesua ade biara a, ɛsɛ sɛ yedi kan bɔ mpae?

  • Ɛdɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛate Bible mu asɛm bi ase yiye?

  • Kɔla ahorow bɛn na yebetumi de ahyehyɛ nneɛma nsow wɔ Bible a yɛde sua ade no mu?

  • Adɛn nti na yɛresua Onyankopɔn Asɛm a, ɛho hia pa ara sɛ yedwinnwen ho?

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde nea yesua no yɛ?

Onuawa bi reyɛ ne kokoam adesua; onua bi de kɔla ahorow ahorow ahyɛ nneɛma nsow wɔ ne Bible mu; onuawa bi reka nea wasua no ho asɛm akyerɛ mmarima mmienu bi; onua bi rebɔ mpae

“Hwɛ sɛnea medɔ wo mmara! Ɛno na midwen ho da mu nyinaa.”—Dw 119:97

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena