BIBLE MU AKORADE | YAKOBO 1-2
Nea Ɛkɔfa Bɔne Ne Owu Ba
Sɛ adwene a ɛmfata ba wo tirim a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
Yere wo ho yi fi w’adwenem na fa w’adwene si biribi foforo so.—Flp 4:8
Dwinnwen ɔhaw a sɛ wugyaagyaa wo ho kɔyɛ a, ebefi mu aba no ho.—De 32:29
Bɔ mpae.—Mt 26:41
Sɛ adwene a ɛmfata ba wo tirim a, sɛ́ anka wubedwinnwen ho no, nneɛma a ɛhyɛ nkuran bɛn mmom na ɛsɛ sɛ wudwinnwen ho?