October 14-20
1 PETRO 1-2
Dwom 29 Ne Mpaebɔ
Nnianim Nsɛm (Simma 3 anaa nea ennu saa)
BIBLE MU AKORADE
“Monyɛ Kronkron”: (Simma 10)
[Yi video a yɛato din Petro Nhoma a Edi Kan No Nnianim Nsɛm no.]
1Pe 1:14, 15—Ɛsɛ sɛ yɛma nneɛma a yedwinnwen ho ne yɛn abrabɔ ho tew (w17.02 9 ¶5)
1Pe 1:16—Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho suasua yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ kronkron no (lv 64-65 ¶6)
Tweetwee Bible Mu: (Simma 8)
1Pe 1:10-12—Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea adiyifo ne abɔfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ nokware a emu dɔ mu no? (w08 11/15 21 ¶10)
1Pe 2:25—Hena ne Ɔwɛmfo Kɛse no? (it-2-E 565 ¶3)
Dɛn na nnawɔtwe yi Bible akenkan ama woasua afa Yehowa ho?
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, ade foforo bɛn na wuhui?
Bible Akenkan: (Simma 4 anaa nea ennu saa) 1Pe 1:1-16 (th adesua 10)
MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nsrahwɛ a Edi Kan Ho Video: (Simma 4) Yi video no na munsusuw ho.
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 2 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no yɛ adwuma. (th adesua 1)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asasesin mu betwa w’ano, nanso fa ɔkwan bi so boa no na toa w’asɛm no so. (th adesua 3)
Nsrahwɛ a Edi Kan: (Simma 3 anaa nea ennu saa) Fa nea yebetumi aka wɔ asɛnka mu no fi ase. Afei nhoma ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, ma no bi. (th adesua 9)
KRISTOFO ABRABƆ
Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Siesie Wo Dan Mu Na Di Wo Ho Ni: (Simma 6) Yi video no. Afei ma mmofra no bi mmra asɛnka agua no so, na bisabisa wɔn nsɛm a edidi so yi: Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ? Dɛn na ɛma hippo ho tew? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wusiesie wo dan mu?
“Yehowa Dɔ Nnipa a Wɔn Ho Tew”: (Simma 9) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Yi video a yɛato din Onyankopɔn Dɔ Nnipa a Wɔn Ho Tew no.
Asafo Bible Adesua: (Simma 30) jy ti 87
Ntĩmu Ne Nea Yebesua Nnawɔtwe a Edi Hɔ (Simma 3)
Dwom 39 Ne Mpaebɔ