KRISTOFO ABRABƆ
Abrabɔ Kronn Ne Obu a Emu Dɔ Betumi Ama Wo Hokafo Abɛsom Yehowa
Mpɛn pii no, suban pa a ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo da no adi no tumi twe wɔn kununom a wɔnyɛ Kristofo ma wɔbɛsom Yehowa. Nanso ɛtɔ da a, wei bɛhwehwɛ sɛ ɔyerenom mia wɔn ani fa ateetee mu mfe pii. (1Pe 2:21-23; 3:1, 2) Kristoni a woyɛ nti, sɛ wo hokafo reteetee wo a, kɔ so ara fa papa di bɔne so nkonim. (Ro 12:21) Sɛ wo hokafo no hu abrabɔ pa a woreda no adi no a, ebetumi atwe no aba nokware no mu bere mpo a wummuee w’ano.
Sɛ wo hokafo yɛ biribi a, ɛyɛ a bɔ mmɔden sɛ wobɛte n’ase. (Flp 2:3, 4) Da tema ne ayamhyehye adi na yere wo ho yɛ w’asɛde wɔ abusua no mu. Afei nso, sɛ wo hokafo rekasa a, tie no yiye. (Yak 1:19) Nya ne ho abotare, na ma onhu sɛ wodɔ no. Sɛ woda ayamye ne obu adi kyerɛ no, na wankyerɛ ho anisɔ mpo a, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ani sɔ wo nokwaredi.—1Pe 2:19, 20.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YEHOWA HYƐ YƐN DEN MA YƐSOA YƐN ADESOA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Bere a Grace Li waree foforo no, na n’asetena te sɛn?
Ɛyɛɛ dɛn na obehuu nokware no?
Onuawa Li asubɔ akyi no, dɛn na ɔyɛ de gyinaa nsɛnnennen a ohyiae no ano?
Mpae bɛn na Onuawa Li bɔ maa ne kunu?
Abrabɔ pa ne obu a emu dɔ a Onuawa Li daa no adi no, nhyira bɛn na efii mu bae?
Abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ wɔ tumi paa!