Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 February kr. 5
  • Sɛnea Awarefo Bɛhyɛ Wɔn Aware Mu Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Awarefo Bɛhyɛ Wɔn Aware Mu Den
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔ W’aware Ho Ban
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 February kr. 5
Abram ne Sarai reboaboa wɔn ho atu afi Ur. Abram kura kotoku kɛse bi, na Sarai nso ɔde nneɛma regu kɛntɛn bi mu. Abram de ne nsa ato Sarai abati so, na ɔrehyɛ no nkuran.

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛnea Awarefo Bɛhyɛ Wɔn Aware Mu Den

Yɛreka awarefo a na wɔdodɔ wɔn ho na wobu wɔn ho a, yɛrentumi nka nnyaw Abraham ne Sara. (Ge 12:11-13; 1Pe 3:6) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ wɔanhyia ɔhaw anaa nsɛnnennen biara wɔ wɔn aware mu da. Dɛn na awarefo betumi asua afi Abraham ne Sara nhwɛso no mu?

Wo ne wo hokafo ntaa mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ wo hokafo bo fuw anaa n’adwene tu fra na otutu nsɛm bumbum a, mfa abufuw nhyia no, mmom brɛ wo ho ase, na yi n’ano bɔkɔɔ. (Ge 16:5, 6) Nya bere ma wo hokafo. Fa wo nneyɛe ne wo kasa kyerɛ sɛ wodɔ no paa. Weinom nyinaa da nkyɛn a, mommom nsua ade na monsom Yehowa. Afei mommom mmɔ mpae da biara. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa atena mo aware no mu. (Ɔsɛ 4:12) Sɛ yɛma yɛn aware sɔ a, ɛhyɛ Yehowa a ɔhyehyɛɛ aware no anuonyam.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐNEA WOBƐHYƐ W’AWARE MU DEN NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Nneɛma bɛn na na ɛrekɔ so a ɛkyerɛ sɛ na Shaan ne Kiara ntam retetew?

  • Adɛn nti na ɛho hia sɛ awarefo fi wɔn komam ka nea ɛrehaw wɔn no ho asɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho?

  • Sɛn na Abraham ne Sara nhwɛso no boaa Shaan ne Kiara?

  • Nneɛma bɛn na Shaan ne Kiara yɛ de hyɛɛ wɔn aware no mu den?

  • Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ okunu anaa ɔyere hwɛ kwan sɛ biribiara bɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn aware no mu?

Mfoni: Mfoni ahorow a ɛwɔ ‘Sɛnea Wobɛhyɛ W’aware Mu Den’ video mu no. Shaan ne Kiara reyɛ nneɛma bi de ahyɛ wɔn aware no mu den. 1. Wɔte akongua mu, nanso obiara te ne baabi. 2. Wɔasuso wɔn nsam. 3. Wɔde anigye abom reyɛ asɛnka adwuma no.

Wubetumi ahyɛ w’aware mu den!

Sɛ wopɛ nsɛm a ɛbɛboa wo ama woahyɛ w’aware mu den a, hwɛ nsɛm a edidi so yi a ɛwɔ Nyan! anaa jw.org® wɛbsaet a ɛwɔ Twi mu no mu:

  • “Bere a Wo Mma Anyin na Wɔafi Fie”—g17.4 10-11

  • “Sɛnea Mobɛka Mo Ntam Asɛm”—g16.3 10-11

  • “Sɛ W’ani Nnye W’aware Ho Bio a, Dɛn na Wobɛyɛ?”—g 3/14 14-15

  • “Sɛnea Wobɛyɛ Otiefo Pa”—g 12/13 12-13

  • “Ɔkwan a Mobɛfa so Agyae Akasakasa”—g 2/13 4-5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena