BIBLE MU AKORADE | GENESIS 31
Yakob Ne Laban Yɛɛ Asomdwoe Apam
Adɛn nti na Yakob ne Laban boaboaa abo ano?
Ná ɛyɛ biribi a ɛbɛma obiara a obetwam wɔ hɔ ahu sɛ wɔn mmienu ayɛ asomdwoe apam
Ná ɛbɛkae wɔn sɛ, Yehowa rehwɛ asomdwoe apam a wɔayɛ no, enti ɛsɛ sɛ wodi so
Ɛnnɛ nso, Yehowa pɛ sɛ yɛne yɛn nuanom tena asomdwoe mu. Ɔkwan bɛn so na nneɛma mmiɛnsa a edidi so yi bɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ asomdwoe na yɛabɔ ho ban?
Asɛm ba a, monka ho asɛm.—Mt 5:23, 24
Munyi mo yam mfa nkyɛ.—Kol 3:13
Munnya mo ho abotare.—Ro 12:21