KRISTOFO ABRABƆ
Bɔ W’aware Ho Ban
Ntam a ɛyɛ a awarefo ka no, Yehowa bu no aniberesɛm paa. Ɔpɛ sɛ wɔkɔ so yɛ baako, ɔmpɛ sɛ wɔn ntam bɛtetew. (Mt 19:5, 6) Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn asomfo mu a, awarefo pii wom a wɔn aware yɛ fɛ. Nanso aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Wɔn a wɔnsom Yehowa no de, sɛ wohyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu a, nea ɛyɛ a ɛba wɔn adwene mu ara ne sɛ wɔbɛtetew mu anaa wobegyae aware. Nanso Kristofo de, ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no bi da. Sɛ woyɛ Kristoni a woaware a, dɛn na wubetumi ayɛ de abɔ w’aware ho ban?
Nneɛma nnum a edidi so yi betumi aboa wo:
Biribiara a ebetumi ama w’aware agyigya no, twe wo ho fi ho; mfa wo ho nhyehyɛ obi a ɔnyɛ wo hokafo, na mfa biribiara a ɔbrasɛe wom nnyigye w’ani. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛbɔ wo koma ho ban.—Mt 5:28; 2Pe 2:14.
Hyɛ wo ne Yehowa adamfofa no mu den, na yere wo ho sɛ wobɛyɛ w’asɛde wɔ aware no mu.—Dw 97:10.
Kɔ so ara hyɛ nipasu foforo no, na yɛ nneɛma nketenkete a ɛbɛma wo hokafo ani agye na ama ne koma atɔ ne yam.—Kol 3:8-10, 12-14.
Wo ne wo hokafo ntaa mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ worekasa nso a, kyerɛ sɛ wubu no.—Kol 4:6.
Ɛsɛ sɛ wode nea ɛsɛ ma wo hokafo no; ɛyɛ a ma ɛnna adi sɛ wodɔ no na wudwen ne ho.—1Ko 7:3, 4; 10:24.
Sɛ Kristofo di aware ni a, ɛkyerɛ sɛ wobu Yehowa, efisɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ aware.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ƐSƐ SƐ YƐDE ‘BOASETƆ TU MMIRIKA’—FA MMIRIKA NO HO MMARA YƐ ADWUMA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Ɛwom, sɛ nkurɔfo mmienu ware foforo a, ɛyɛ a wɔn ani tumi gye, nanso akyiri yi nsɛnnennen bɛn na wotumi hyia?
Sɛ awarefo bi te nka sɛ anigye nni wɔn aware mu a, Bible mu afotu bɛn na ebetumi aboa wɔn?
Sɛ wopɛ sɛ w’aware sɔ a, fa afotu a ɛwɔ Bible mu no yɛ adwuma
Mmara ahorow bɛn na Yehowa ahyehyɛ afa aware ho?
Sɛ aware bi bɛsɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere yɛ?