Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 July kr. 5
  • “Ɛnsɛ Sɛ Mudwinnwen Da”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɛnsɛ Sɛ Mudwinnwen Da”
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ
    Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wiase Bi a Ohia Nni Mu Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ma Ahiafo Nnya Anidaso
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 July kr. 5
Abusua bi a emufo yɛ nsia a wodi hia nam kwan so rekohyia wɔn nuanom ama wɔasom Onyankopɔn. Baabi a wɔnam no, wuhu sɛ ahiafo dɔɔso wɔ hɔ.

KRISTOFO ABRABƆ

“Ɛnsɛ Sɛ Mudwinnwen Da”

Ahiafo a na wɔwɔ tete Israel no, Yehowa boaa wɔn. Ɛnnɛ nso, n’asomfo a wodi hia no, ɔboa wɔn. Nneɛma bɛn na ɔyɛ de boa wɔn?

  • Wakyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonnya sika ho adwempa.—Lu 12:15; 1Ti 6:6-8

  • Waboa wɔn ama wɔahu sɛ, ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ho sɛ wɔnsɛ hwee.—Hio 34:19

  • Wakyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ adwumaden, na nneyɛe biara a ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw abrɛ wɔn no, wɔntwe wɔn ho mfi ho.—Mme 14:23; 20:1; 2Ko 7:1

  • Wama wɔn anuanom Kristofo a wɔdɔ wɔn.—Yoh 13:35; 1Yo 3:17, 18

  • Wama wɔn anidaso.—Dw 9:18; Yes 65:21-23

Sɛ nneɛma mu yɛ den sɛ dɛn mpo a, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen da. (Yes 30:15) Yɛkɔ so hwehwɛ Ahenni no kan a, ɔkwan biara so Yehowa bɛma yɛn nsa aka nea yehia.—Mt 6:31-33.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ƆDƆ TO NTWA DA ƐMFA HO SƐ . . . WUDI HIA NO—CONGO NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Ɔdɔ To Ntwa Da Ɛmfa Ho Sɛ . . . Wudi Hia No—Congo’ no, mfoni bi a ɛwom na ɛwɔ ha yi. Mfoni no mu no, nnipa pii soso nkongua ne nneɛma foforo.

    Anuanom a wɔte bɛn baabi a wɔyɛ ɔmantam nhyiam no, dɛn na wɔyɛ de kyerɛe sɛ wɔdɔ wɔn nuanom a wofi akyirikyiri bae no?

  • Video a yɛato din ‘Ɔdɔ To Ntwa Da Ɛmfa Ho Sɛ . . . Wudi Hia No—Congo’ no, mfoni bi a ɛwom na ɛwɔ ha yi. Onua bi reto mpa wɔ ne fie ama ne nuanom a wofi akyirikyiri reba nhyiam no.

    Sɛn na video yi ma yehu sɛ Yehowa dɔ ahiafo?

  • Video a yɛato din ‘Ɔdɔ To Ntwa Da Ɛmfa Ho Sɛ . . . Wudi Hia No—Congo’ no, mfoni bi a ɛwom na ɛwɔ ha yi.’ Anuanom binom resiesie wɔn ho akɔ ɔmantam nhyiam.

    Sɛ yɛwɔ bi oo, yenni bi oo, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena