Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 January kr. 11
  • Hwehwɛ Onyankopɔn Adwene Wɔ Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwehwɛ Onyankopɔn Adwene Wɔ Ho
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Sisi Gyinae a Ɛbɛsɔ Yehowa Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Nyansa a Kenkan Bible Da Biara
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnhu Sɛnea Wɔbɛma Onyankopɔn Koma Atɔ Ne Yam
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 January kr. 11
Rebekah a ne ho asɛm wɔ video a yɛato din “Ɛsɛ Sɛ Yɛde ‘Boasetɔ Tu Mmirika’—Didi Yiye” no mu no, ne mfoni na wɔayɛ wɔ ha yi. Rebekah reyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomawa a yɛato din “The Origin of Life—Five Questions Worth Asking” no mu.

KRISTOFO ABRABƆ

Hwehwɛ Onyankopɔn Adwene Wɔ Ho

Biribiara a yɛyɛ no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ ma Yehowa ani gye. (Mme 27:11) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛnde sɛ Onyankopɔn nhyɛɛ biribi ho mmara pɔtee mpo a, ɛsɛ sɛ gyinae a yebesi wɔ ho no kyerɛ sɛ yenim n’adwene. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ saa?

Ɛyɛ a sua Bible da biara. Bere biara a yɛbɛkan Bible no, ɛte sɛ nea Yehowa rekasa akyerɛ yɛn. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii nsɛm, na yesua wɔn a wɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so ne wɔn a wɔyɛɛ n’ani so bɔne no ho ade a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu n’adwene wɔ nneɛma ho. Sɛ yɛrebesi gyinae bi a, honhom kronkron betumi akae yɛn asuade ne nnyinasosɛm a yɛasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no.—Yoh 14:26.

Yɛ Nhwehwɛmu. Sɛ ehia sɛ wusi gyinae bi a, bisa wo ho sɛ, ‘Kyerɛwsɛm anaa Bible mu asɛm bɛn na ebetumi aboa me ama mahu sɛnea Yehowa hu asɛm no?’ Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo. Afei asafo nhoma a yɛde yɛ nhwehwɛmu a ɛwɔ wo kasa mu no, fa hwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa w’asɛm no ho, na fa nnyinasosɛm no yɛ adwuma.—Dw 25:4.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ƐSƐ SƐ YƐDE ‘BOASETƆ TU MMIRIKA’—DIDI YIYE. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Ɔhaw ahorow bɛn na onuawa kumaa a ɔwɔ video no mu no hyiae?

  • Sɛ nea ɛtoo onuawa no bi to wo a, sɛn na wubetumi de nneɛma a yɛde yɛ nhwehwɛmu no adi ho dwuma?

  • Sɛ yegye bere yɛ nhwehwɛmu na yɛyɛ kokoam adesua a, sɛn na ɛboa yɛn ma yesisi gyinae pa?—Heb 5:13, 14

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena