Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 March kr. 2-3
  • March 4-10

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March 4-10
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 March kr. 2-3

MARCH 4-10

DWOM 16-17

Dwom 111 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “Yehowa, Adepa Biara a Minya No, Wo Nkyɛn Na Efi”

(Simma 10)

Sɛ yɛne wɔn a wɔsom Yehowa fa adamfo a, ɛma yɛn ani gye (Dw 16:​2, 3; w18.12 26 ¶11)

Sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛma yenya akomatɔyam (Dw 16:​5, 6; w14 2/15 29 ¶4)

Nneɛma a Yehowa de hyɛ yɛn gyidi den no nti, yɛwɔ asomdwoe; yensuro (Dw 16:​8, 9; w08 2/15 3 ¶2-3)

Onuawa bi ayɛ onuawa foforo atuu. Ebinom gyinagyina hɔ a wɔn ani agye.

Ná Dawid ani gye, efisɛ ɔde Yehowa som dii kan wɔ n’abrabɔ mu. Yɛn nso, Yehowa som ne ade a ehia yɛn paa wɔ abrabɔ mu. Enti yɛn ani gye, efisɛ Yehowa na adepa biara fi no.

BISA WO HO SƐ, ‘Adɛn nti na metumi aka sɛ, efi bere a mebaa nokware no mu no, m’abrabɔ ayɛ papa kyɛn kan no?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 17:8—Sɛ Bible ka ‘ani kosua’ a, ɛkyerɛ sɛn? (it-2 714)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 17:​1-15 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 1) AFIE AFIE ASƐNKA. Ma no krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no bi. (th adesua 11)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Ma no krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no bi. Sɛ ogye a, ka kyerɛ no sɛ video a yɛato din Kae Yesu Wu No, wopɛ sɛ wuyi kyerɛ no, na mommɔ ho nkɔmmɔ. (th adesua 9)

6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ma no krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no bi. (th adesua 2)

7. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 14 no nnianim asɛm ne nkyekyɛm 1-3 (th adesua 6)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 20

8. Sɛn Na Yɛbɛyɛ Ahoboa Ama Nkaedi No?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa sisi pon bi so wɔ Ahenni Asa so.

Yesu maa yɛn ahyɛde sɛ yɛnkae ne wu no. Enti Kwasida, March 24 no, ɔdɔ mu ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no, yɛbɛkae. (Lu 22:19; Yoh 3:16; 15:13) Sɛn na wobɛyɛ ahoboa ama Nkaedi no?

  • Asɛnka adwuma titiriw a yɛbɛyɛ de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ne ɔkasa titiriw no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ bi. Amannifo a wopɛ sɛ woto nsa frɛ wɔn no, kyerɛkyerɛw wɔn nyinaa din. Sɛ wɔn mu bi te akyiri a, kɔ jw.org kɔhwɛ bere a wɔbɛyɛ Nkaedi no wɔ baabi a ɔte no, ne baabi a wɔbɛyɛ no, na ka kyerɛ no

  • Asɛnka adwuma a woyɛ no, hwɛ sɛ wubetumi ayɛ bi aka ho wɔ March ne April mu a. Wubetumi de nnɔnhwerew 15 anaa 30 ayɛ akwampae boafo anaa?

  • Nsɛntitiriw a esisii Yesu asetena mu nnawɔtwe a etwa to a odii no asaase so no, fi ase kenkan ho ade March 18. Wohwɛ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma yi kratafa 6-7 a, wubehu “Afe 2024 Nkaedi Bible Akenkan Ho Nhyehyɛe” no. Ɛyɛ a hwɛ dodow a wubetumi akan no da biara

  • Ɛda a yɛbɛyɛ Nkaedi no, hwɛ Daa Asɛm titiriw no wɔ jw.org

  • Sɛ wokɔ Nkaedi no a, ahɔho ne wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ no, gye wɔn fɛw so. Ahɔho a ɛbae no, sɛ mopɔn a ka kyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔante biribi ase a, wɔbetumi abisa wo. Afei wo ne wɔn nyɛ nhyehyɛe na kɔsra wɔn akyiri yi

  • Dwinnwen agyede no ho ansa na Nkaedi no adu so, na yewie nso a, kɔ so ara dwinnwen ho

Yi VIDEO a yɛato din Kae Yesu Wu No. Afei bisa sɛ:

Sɛ yɛreto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no a, sɛn na yɛde saa video yi bɛyɛ adwuma?

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 6 ¶18-24, ne adaka a ɛwɔ kr. 48

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 73 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena