Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 March kr. 14-15
  • April 29–May 5

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • April 29–May 5
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 March kr. 14-15

APRIL 29–MAY 5

DWOM 34-35

Dwom 10 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. ‘Yi Yehowa Ayɛ Bere Nyinaa’

(Simma 10)

Bere a Dawid nam amanehunu mu mpo, na oyi Yehowa ayɛ (Dw 34:1; w07 3/1 22 ¶11)

Dawid hoahoaa ne ho wɔ Yehowa mu, na ɛnyɛ nea ɔno Dawid atumi ayɛ ho (Dw 34:​2-4; w07 3/1 23 ¶13)

Nsɛm a Dawid ka de yii Yehowa ayɛ no hyɛɛ wɔn a na ɔne wɔn nam no den (Dw 34:5; w07 3/1 23 ¶15)

Dawid rekasa akyerɛ ne mmarima no wɔ ɔbodan bi mu.

Bere a Yehowa gyee Dawid fii Abimelek nsam no, Dawid guan kɔɔ sare so, na mmarima 400 a na wɔn bo afuw Saul kɔkaa Dawid ho wɔ sare so hɔ. (1Sa 22:​1, 2) Bere a Dawid rehyehyɛ Dwom 34 no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔkaa ne ho no, na wɔn ho adwene wɔ ne tirim.—Dw 34, atifi asɛm.

BISA WO HO SƐ, ‘Da a yɛbɛsan akɔ adesua no, sɛ me ne obi rebɔ nkɔmmɔ a, dɛn na metumi aka de ayi Yehowa ayɛ?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 35:11—Sɛn na saa nkɔmhyɛ yi baa mu wɔ Yesu bere so? (w11 8/15 14 ¶9)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 34:​1-22 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Fa no sɛ mohyɛɛ ase sɛ morebɔ nkɔmmɔ, nanso ankyɛ koraa na nkɔmmɔ no so twae, enti woantumi anni no adanse. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 4)

6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu

(Simma 5) Ɔyɛkyerɛ. ijwfq 59—Asɛmti: Yehowa Adansefo Yɛ Dɛn Hu Sɛ Ebia Dapɔnna Bi Sɔ Onyankopɔn Ani Anaa Ɛnsɔ N’ani? (th adesua 17)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 59

7. Nneɛma Mmiɛnsa a Yebetumi Ayɛ De Ayi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Nhyiam Ase

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Mfoni: Onuawa bi reyi Yehowa ayɛ wɔ adesua ase. 1. Ɔne anuanom mmea mmienu rebɔ nkɔmmɔ ansa na adesua afi ase. 2. Ɔrema mmuae. 3. Ɔde ahokeka reto dwom wɔ adesua ase.

Asafo nhyiam ma yenya hokwan pii a yɛde beyi Yehowa ayɛ. Yɛbɛhwɛ emu mmiɛnsa.

Nkɔmmɔbɔ: Sɛ wo ne anuanom rebɔ nkɔmmɔ a, ka nneɛma pa bebree a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho asɛm. (Dw 145:​1, 7) Woate biribi, anaa woakan biribi pɔtee bi a aboa wo? Anaa woanya osuahu bi a ɛhyɛ nkuran wɔ asɛnka mu? Obi de n’anom asɛm anaa ne nneyɛe ahyɛ wo den? Anaa woato wo bo ahwɛ Yehowa abɔde bi ama ayɛ wo fɛ? Weinom nyinaa yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn. (Yak 1:17) Bɔ mmɔden du adesua ase ntɛm na ama woanya bere ne anuanom abɔ nkɔmmɔ.

Mmuae: Bɔ mmɔden sɛ anyɛ hwee koraa no, wobɛma mmuae baako wɔ adesua biara ase. (Dw 26:12) Sɛ yebisa asɛm no a, wubetumi ama mmuae a eyi asɛmmisa no ano tee. Wopɛ nso a, wubetumi de nkyerɛkyerɛmu foforo a ɛwɔ nkyekyɛm no mu aka ho. Wubetumi de kyerɛwsɛm bi asi so; wubetumi aka mfoni a ɛwom no ho asɛm, na wubetumi nso akyerɛ sɛnea yɛde asɛm no bɛyɛ adwuma. Ebia ebinom nso bɛma wɔn nsa so, enti siesie wo ho sɛ wobɛma mmuae bebree. Yebetumi nso ama yɛn mmuae ayɛ ntiantia; anibu 30 anaa nea ennu saa. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma anuanom pii atumi ‘abɔ ayeyi afɔre ama Onyankopɔn.’—Heb 13:15.

Nnwom: Fa ahokeka to Ahenni nnwom no. (Dw 147:1) Sɛ asafo a wowom no mu nnipa dɔɔso a, kae sɛ ɛnyɛ da biara na ebia yɛbɛfrɛ wo ama woama mmuae, nanso nnwom no de, wubetumi ato bi da biara. Sɛ ɛyɛ wo sɛ wo nne nyɛ dɛ mpo a, wo de, to no sɛnea wubetumi biara, na ɛbɛma Yehowa ani agye paa! (2Ko 8:12) Wopɛ a, bobɔ nnwom no so wɔ fie ansa na woakɔ adesua.

Yi VIDEO a yɛato din Tete Wɔ Bi Kyerɛ—Nnwom Yɛ Akyɛde, Ɔfã 1. Afei bisa sɛ:

Onua Russell bere so no, dɛn na Yehowa asafo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ ayeyi nnwom a yɛto ma Yehowa no ho hia?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 9 ¶1-7, ɔfã 3 nnianim nsɛm, ne adaka a ɛwɔ kr. 70

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom Foforo a Yɛbɛto No Afe 2024 Ɔmantam Nhyiam No Ase Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena