Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 September kr. 10-11
  • October 7-13

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October 7-13
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 September kr. 10-11

OCTOBER 7-13

DWOM 92-95

Dwom 84 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Yehowa Som, Worennya Mpo!

(Simma 10)

Yehowa fata sɛ yɛsom no (Dw 92:​1, 4; w18.04 26 ¶5)

Obue ne nkurɔfo ani ma wɔhu sɛnea wɔbetutu wɔn anammɔn ama wɔn ani agye (Dw 92:5; w18.11 20 ¶8)

Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔda so ara som Yehowa no, Yehowa nsi wɔn fam koraa (Dw 92:​12-15; w20.01 19 ¶18)

Mfoni: 1. Ababaa bi rebɔ mpae. 2. Ɔrebɔ asu.

BISA WO HO SƐ, ‘Mehwɛ m’abrabɔ mu a, dɛn na esiw me kwan sɛ mehyira me ho so ama Yehowa na mabɔ asu?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 92:5—Nyansa a Yehowa wɔ no, sɛn na kyerɛwsɛm yi boa yɛn ma yɛte ase yiye? (cl 176 ¶18)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 94:​1-23 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Wo ne onipa no mmɔ nkɔmmɔ, na fa kwan bi so ma onhu sɛ wode Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ obi a bere bi ɔkaa sɛ ɔmpɛ sɛ yɛne no sua Bible. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) Wo ne wo Bible suani a onnya nkɔso mmɔ nkɔmmɔ. (lmd adesua 12 nkyekyɛm 5)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 5

7. Sɛ Dadwen Hyɛ Mmabun So a, Dɛn Na Ɛbɛboa Wɔn?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Ababaa bi werɛ ahow paa; ɔte fam, na wasi ne ti ase.

Wɔn a wɔsom Yehowa mpo, dadwen tumi hyɛ wɔn so; wɔmfaa wɔn ho nnii. Wohwɛ Dawid sei a, edu baabi a, na dadwen tumi hyɛ ne so. Ɛnnɛ nso, saa ara na ɛte. Yɛn nuanom bebree wɔ hɔ a, dadwen ahyɛ wɔn so. (Dw 13:2; 139:23) Nea ɛhaw adwene ne sɛ, mmerante ne mmabaa bebree nso, dadwen tumi hyɛ wɔn so. Edu baabi a dadwen nti, sukuukɔ ne adesuakɔ koraa tumi yɛ den ma wɔn paa. Ebinom wɔ hɔ mpo a, dadwen tumi hyɛ wɔn so ara ma wɔwɔ hɔ a, na wɔrebɔ birimbirim, na etumi mpo ba wɔn tirim sɛ wɔnkum wɔn ho.

Mmerante ne mmabaa, sɛ mowɔ wɔ hɔ na dadwen hyɛ mo so a, monka mo komam asɛm nkyerɛ mo maame anaa mo papa, anaa obi a wanyin a obetumi aboa mo. Mommma mo werɛ mmfi nso sɛ mobɛka ho asɛm akyerɛ Yehowa. (Flp 4:6) Ɔbɛboa mo. (Dw 94:​17-19; Yes 41:10) Momma yɛnhwɛ Steing asɛm no.

Yi VIDEO a yɛato din Yehowa Annyaw Me. Afei bisa sɛ:

• Bible mu asɛm bɛn na ɛboaa Steing, na ɛboaa no sɛn?

• Sɛn na Yehowa hwɛɛ no?

Ababaa a ne werɛ ahow no, ɔreka ne komam asɛm akyerɛ n’awofo. Wɔayɛ dinn retie no.

Awofo, sɛ muhu sɛ dadwen ahyɛ mo mma so a, dɛn na mobɛyɛ de aboa wɔn? Monyɛ aso ntie wɔn, momma wɔnhu sɛ modɔ wɔn, na momma wɔnnya gyidi sɛ Yehowa nso dɔ wɔn. (Tit 2:4; Yak 1:19) Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo ahoɔden a wode bɛboa wo mma. Sɛ wɔn ho adwinnwen ma wobotow nso a, srɛ no sɛ ɔnhyɛ wo den.

Sɛ dadwen ahyɛ obi so wɔ asafo no mu a, ebia yɛrenhu. Sɛ yehu mpo a, sɛnea ɔte nka paa no, ebia yɛrente ase. Ne nyinaa mu no, sɛ yɛma obiara hu sɛ yɛdɔ no, na yegye obiara awaawaa atuu a, ɛbɛboa paa.—Mme 12:25; Heb 10:24.

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 16 ¶6-9, ne adaka a ɛwɔ kr. 132

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 81 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena