Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 September kr. 14-15
  • October 28–November 3

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October 28–November 3
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 September kr. 14-15

OCTOBER 28–NOVEMBER 3

DWOM 103-104

Dwom 30 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “Ɔkae Sɛ Yɛyɛ Dɔte”

(Simma 10)

Yehowa mmɔborɔhunu nti, ɔyɛ fakaa; ɔne yɛn nni no denneennen (Dw 103:8; w23.07 21 ¶5)

Sɛ yedi mfomso a, ɔntow yɛn nkyene (Dw 103:​9, 10; w23.09 6-7 ¶16-18)

Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so (Dw 103:14; w23.05 26 ¶2)

Onuawa bi reka ne komam asɛm akyerɛ ne kunu; barima no nso ayɛ aso retie no.

BISA WO HO SƐ, ‘Me ne me kunu anaa me yere di no denneennen, anaa meyɛ fakaa te sɛ Yehowa?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 104:24—Wohwɛ nneɛma a Yehowa abɔ a, wuhu sɛ egu mu ahorow bebree. Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa nimdeɛ ne ne nyansa ho? (cl 55 ¶18)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 104:​1-24 (th adesua 11)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BAGUAM ADANSEDI. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 4)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ ofiewura no apene so sɛ obesua Bible. Wo ne no mmɔ video a yɛato din, Yɛn Ani Agye Sɛ Wopɛ Sɛ Wusua Bible no ho nkɔmmɔ. (th adesua 9)

6. Ɔkasa

(Simma 5) lmd nkekaho A nkyekyɛm 6—Asɛmti: Ɛsɛ Sɛ Okunu ‘Dɔ Ne Yere Sɛ Ne Ho.’ (th adesua 1)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 44

7. Wunim Nea W’ahoɔden Betumi?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma Yehowa a, n’ani gye, na yɛn nso yɛn ani gye. (Dw 73:28) Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ biribiara na yɛn ahoɔden betumi. Sɛ yɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so a, anhwɛ a ɛbɛkɔ akɔfa dadwen abɛto yɛn so, na yɛbɛte nka sɛ yɛn nsa asi fam.

Video a yɛato din “Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Nea Yɛn Ahoɔden Betumi a, Yebetumi Ayɛ Pii” no, onuawa ababaa a ɔwom no na ne mfoni wɔ ha yi.

Yi VIDEO a yɛato din Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Nea Yɛn Ahoɔden Betumi a, Yebetumi Ayɛ Pii. Afei bisa sɛ:

  • Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ? (Mik 6:8)

  • Video a yɛato din “Yɛyere Yɛn Ho Yɛ Nea Yɛn Ahoɔden Betumi a, Yebetumi Ayɛ Pii” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Onuawa ababaa no ne n’adamfo bi ne ne Bible suani akɔtena baabi redidi, na ɔrehyɛ ne Bible suani no nkuran.
  • Botae a na onuawa kumaa no de asi n’ani so no, dɛn na amma ɛho adwinnwen anhyɛ ne so?

YƐBƐYƐ DƐN AHU NEA YƐN AHOƆDEN BETUMI?

  • Mfa wo ho ntoto afoforo ho. (Ga 6:4) Nhwɛ nea obi reyɛ nka sɛ wo nso wobɛyɛ bi, anaa wohwɛ a wubetumi ayɛ bi. Yɛmfa no sɛ wo ne obi bɔ tipɛn, anaa abusua mu asɛyɛde a ɔwɔ no, ebi ara na wo nso wowɔ. Ɛno kyerɛ sɛ nea otumi yɛ no, wo nso wubetumi ayɛ bi anaa? Daabi. Ebia worentumi nyɛ nea otumi yɛ no; ebi nso a wubetumi ayɛ aboro saa

  • Nsuro sɛ wobɛsɔ biribi foforo ahwɛ wɔ Yehowa som mu. (Ro 12:1; 1Ko 7:31) Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi wɔ Yehowa som mu, nanso ɛyɛ wo sɛ ɛboro wo so, anaa ɛyɛ wo sɛ wosɔ mu sɛ woreyɛ a, w’ani rennye ho. Nanso mma wei mu biara nntwe wo nnsan.—Mal 3:10

  • Fa botae a wubetumi adu ho ntɛm sisi w’ani so, na ama woahu nea w’ahoɔden betumi. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ wubetumi ayɛ daa kwampaefo anaa worentumi. Ɛno saa no, wubetumi de asi w’ani so sɛ, wode abosome kakra bɛyɛ asɛnka adwuma no pii, anaa wobɛyɛ akwampae boafo. Wopɛ nso a, wubetumi ayɛ daa kwampaefo afe baako ahwɛ sɛnea ɛbɛkɔ. Fa no sɛ nea wode sii w’ani so no, woatumi ayɛ, nanso woahu sɛ worentumi nyɛ daa kwampaefo, anaa wubetumi ayɛ mpo a, worentumi nyɛ mmoro afe. Ɛno kyerɛ sɛ woahaw wo ho anaa? Daabi. Da biara, sɛ wokae sɛ wutumi duu botae a wode sii w’ani so no ho a, w’ani begye.—Ɔsɛ 6:9

  • Mmere dane a, dane wo ho bi. Mmere dane, na nea yetumi yɛ nso sesa. Botae a wode asisi w’ani so no, ɛwom ara a, san hwɛ bio

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 17 ¶8-12, ne adaka a ɛwɔ kr. 137

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 55 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena