Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 November kr. 2-16
  • November 4-10

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November 4-10
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 November kr. 2-16

NOVEMBER 4-10

DWOM 105

Dwom 3 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

Bɔhyɛ Asaase No. Mfoni: 1. Abraham. 2. Isak. 3. Yakob.

1. ‘Ɔkae N’apam Kosi Daa’

(Simma 10)

Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ; otĩĩ saa bɔhyɛ no mu kyerɛɛ Isak ne Yakob (Ge 15:18; 26:3; 28:13; Dw 105:​8-11)

Nnipa ani so no, na asɛ saa bɔhyɛ no rentumi mma mu da (Dw 105:​12, 13; w23.04 28 ¶11-12)

Apam a Yehowa ne Abraham yɛe no, Yehowa werɛ amfi da (Dw 105:​42-44; it-2 1201 ¶2)


BISA WO HO SƐ, ‘Nim a minim sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo no, sɛn na ɛbɛboa me?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 105:​17-19—Ɔkwan bɛn so na “Yehowa anom asɛm” maa Yosef ho tewee? (w16.08 23 ¶13)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 105:​24-45 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 1) AFIE AFIE ASƐNKA. Ofiewura no nni adaagye. (lmd adesua 2 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 2) AFIE AFIE ASƐNKA. Ofiewura no pɛ sɛ ɔne ne wo gye akyinnye. Fa kwampa so twa nkɔmmɔ no so. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 5)

6. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) AFIE AFIE ASƐNKA. Bere bi a wokɔɔ hɔ no, ofiewura no ani gyee asɛm pɔtee bi ho. Ma no nsɛmma nhoma a ɛfa saa asɛm no ho. (lmd adesua 8 nkyekyɛm 3)

7. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka JW Library® app no ho asɛm kyerɛ no, na boa no ma ɔntwe bi. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 5)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 84

8. Kyerɛ Wo Dɔ

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn sika boa Ahenni adwuma no a, na yɛrekyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa Ba a wasi no hene, Kristo Yesu. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma Yehowa ani gye, na yɛn nuanom Kristofo nso nya so mfaso. (Yoh 14:23) Nsɛm a ɛba toatoa so wɔ jw.org a yɛato din “Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma” no, ɛma yehu sɛnea ntoboa a yeyi no boa yɛn nuanom Kristofo paa wɔ wiase nyinaa.

Yehu obi nsa sɛ ɔde sika reto ntoboa adaka mu. Mfoni: 1. Onua bi gyina ɔtemmufo anim. 2. Onuawa bi reboa ama wɔasi asafo dan bi. 3. Onuawa bi rehwɛ video wɔ mum kasa mu.

Yi VIDEO a yɛato din Nea Ntoboa a Wuyi No Tumi Yɛ. Afei bisa sɛ:

  • Ntoboa a yeyi no, yɛde bi pere fahodi a yɛn nuanom benya de asom Yehowa. Sɛn na wei aboa wɔn?

  • Ntoboa a yɛn nsa ka a yɛhwɛ ma “biribiara kyɛ pɛpɛɛpɛ” no, sɛn na aboa ama yɛatumi asisi Ahenni Asa?—2Ko 8:14

  • Ntoboa a yenya no, yɛde bi boa ma wɔkyerɛ Bible ase kɔ kasa pii mu. Mfaso bɛn na afi wei mu aba?

Kɔ Intanɛt So Na Sua Pii Ka Ho

Yehu mfoni a yɛde tare ntoboa nnaka so no. Ɛyɛ obi nsa a ɛde sika reto ntoboa adaka mu.

Wobɛyɛ dɛn ayi ntoboa aboa adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no? Sɛ wubue JW Library na wohwɛ ase hɔ a, wubehu “Donations” wɔ hɔ. Klike so. Aman pii so no, ebue a, wubehu ɔfã bi a wɔato din FAQ. Sɛ woklike so a, ɛde wo bɛkɔ baabi a wubetumi atwe krataa bi a yɛato din Donations to Jehovah’s Witnesses—Frequently Asked Questions.

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 17 ¶13-19

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 97 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena