Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb24 November kr. 4-5
  • November 18-24

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November 18-24
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2024
mwb24 November kr. 4-5

NOVEMBER 18-24

DWOM 107-108

Dwom 7 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. “Monna Yehowa Ase, Efisɛ Oye”

(Simma 10)

Sɛnea Yehowa gyee Israelfo fii Babilon no, saa ara na wagye yɛn afi Satan wiase no mu (Dw 107:​1, 2; Kol 1:​13, 14)

Anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn ma yeyi no ayɛ wɔ asafo no mu (Dw 107:​31, 32; w07 4/15 20 ¶2)

Sɛ yɛto yɛn bo ase dwinnwen nneɛma pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho a, ɛbɛma yɛafi yɛn komam ada no ase (Dw 107:43; w15 1/15 4 ¶4)

Mfoni: Akwan a yebetumi afa so ayi Yehowa ayɛ. 1. Anuanom mmarima ne mmea reto nnwom wɔ adesua ase. 2. Onua bi rema mmuae wɔ adesua ase. 3. Anuanom mmea mmienu reyɛ afie afie asɛnka.

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 108:9—Bere a Onyankopɔn kaa sɛ Moab yɛ ‘ade a ɔhohoro ne nsa wom’ no, ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na ɔrekyerɛ? (it-2 420 ¶4)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 107:​1-28 (th adesua 5)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 4)

5. Yɛ Sankɔhwɛ

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Ka Bible adesua a yɛne nkurɔfo yɛ no ho asɛm kyerɛ no, na ma no Bible adesua kaad no bi. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) ijwyp 90—Asɛmti: Mɛyɛ Dɛn Anya Nneɛma Ho Adwempa? (th adesua 14)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 46

7. Yɛto Dwom De Da Yehowa Ase

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Bere a Yehowa gyee Israelfo a na ehu aka wɔn no fii Egypt asraafo a wɔnim akodi no nsam wɔ Po Kɔkɔɔ no ho no, Israelfo no ani sɔe, na wɔtoo dwom daa Yehowa ase. (Ex 15:​1-19) Mmarima no na wɔpagyaw saa dwom foforo no. (Ex 15:21) Yesu ne tete Kristofo no nso too ayeyi nnwom maa Onyankopɔn. (Mt 26:30; Kol 3:16) Ɛnnɛ, yɛn nso sɛ yɛkɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam a, yɛto nnwom de da Yehowa ase. Ɛho nhwɛso ne dwom a yɛtoo no seesei ara no. N’asɛmti ne “Yɛda Wo Ase, Yehowa,” na efi afe 1966 tɔnn na yefii ase too wɔ asafo nhyiam ase.

Mmeae bi wɔ hɔ a, mmarima fɛre sɛ wɔbɛto nnwom wɔ baguam. Mmarima ne mmea bi nso de, wɔka sɛ wɔn nne nyɛ dɛ, enti ɛyɛ a wɔmpɛ sɛ wɔbɛto nnwom. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nnwom a yɛto wɔ asafo nhyiam ase no nso ka yɛn som ho. Yehowa ahyehyɛde no gye bere pii siesie nnwom dɛdɛɛdɛ ma yɛn, na wɔsan gye bere paw nnwom a yɛbɛto wɔ asafo nhyiam biara ase. Yɛn de ara ne sɛ yɛbɛbom ato nnwom no de akyerɛ yɛn soro Agya no sɛ yefi yɛn komam dɔ no paa, na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no.

Yi VIDEO a yɛato din Tete Wɔ Bi Kyerɛ—Nnwom Yɛ Akyɛde, Ɔfã 2. Afei bisa sɛ:

    Video a yɛato din, “Tete Wɔ Bi Kyerɛ​—Nnwom Yɛ Akyɛde, Ɔfã 2” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Onua F. W. Franz reyi “Kingdom Service Song Book” (Ahenni Adwuma Ho Nnwom Nhoma) no adi.
  • Ade titiriw bɛn na esii afe 1944?

  • Video a yɛato din, “Tete Wɔ Bi Kyerɛ​—Nnwom Yɛ Akyɛde, Ɔfã 2” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Onua bi a ɔwɔ Siberia de nnwom a anuanom ato a wɔakyere agu ahama so rehyehyɛ ne n’ataade nguguso mu anadwo dasum.
  • Dɛn na yɛn nuanom a wɔwɔ Siberia no yɛ de kyerɛe sɛ na Ahenni nnwom a wɔbɛto no da wɔn koma so?

  • Video a yɛato din, “Tete Wɔ Bi Kyerɛ​—Nnwom Yɛ Akyɛde, Ɔfã 2” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Anuanom mmarima ne mmea reto nnwom wɔ ɔmantam nhyiam ase; wɔde sanku regyigye ho.
  • Adɛn nti na nnwonto ho hia Yehowa Adansefo saa?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 18 ¶6-15

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 73 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena