Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 January kr. 2-3
  • January 6-12

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January 6-12
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 January kr. 2-3

JANUARY 6-12

DWOM 127-134

Dwom 134 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Awofo—Monkɔ So Nhwɛ Mo Agyapade a Ɛsom Bo No So Yiye

(Simma 10)

Awofo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi ahwɛ wɔn abusua (Dw 127:​1, 2)

Mma yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ama awofo (Dw 127:3; w21.08 5 ¶9)

Abofra biara ne sɛnea ɔte, ɛne ntetee a ɛfata sɛ wɔde ma no (Dw 127:4; w19.12 26 ¶20)

Papa bi ne ne mma nkumaa mmienu resua “Me Bible Adesua” nhomawa no. Mmofra no retwa ho mfoni sɛ wɔne ɔsono ne akaatia redi agorɔ wɔ Paradise.

Sɛ awofo de wɔn ho to Yehowa so, na wɔyɛ nea wɔbetumi biara hwɛ wɔn mma a, Yehowa ani gye paa

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Dw 128:3—Odwontofo no de mma totoo ngodua nketewa a afifi a ayɛ fɛ ho? Adɛn ntia? (it-1 543)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Dw 132:​1-18 (th adesua 2)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Onipa no aka asɛm bi a ɛne nea Bible kyerɛkyerɛ nhyia. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 4)

6. Yɛ Asuafo

(Simma 5) lff adesua 16 nkyekyɛm 4-5. Nhyehyɛe a woayɛ a sɛ wunni hɔ a ɛbɛma osuani no adesua no akɔ so no, wo ne no nka ho asɛm. (lmd adesua 10 nkyekyɛm 4)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 13

7. Awofo—Morefa Ɔkwampa Yi So Akyerɛkyerɛ Mo Mma Anaa?

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yehowa asafo no ayɛ nhoma ne nneɛma pii a ɛbɛboa awofo ama wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔahu Yehowa. Wei nyinaa akyi no, ɔkwan baako a eye paa a awofo betumi afa so akyerɛkyerɛ wɔn mma ne sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa ama wɔn.—De 6:​5-9.

Saa ɔkwampa yi na Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo.

Kenkan Yohane 13:​13-15. Afei bisa sɛ:

  • Nhwɛso pa a Yesu yɛe a ɔde kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no, wohwɛ a adɛn nti na eye paa?

Awofo, nsɛm a moka kyerɛ mo mma no, sɛ wɔde bɛyɛ adwuma a, ebegyina nea mo ankasa moyɛ so. Afei nso, nhwɛso pa a moyɛ no bɛma mo mma atie nea morekyerɛkyerɛ wɔn no na wɔde ayɛ adwuma.

Mfoni Ahorow: Video a yɛato din “Yɛ Nhwɛso Ma Wo Mma Nsuasua” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. 1. Garcia abusua no te wɔn kar mu; wɔrebɛkɔ adesua. 2. Abusua no akɔ adesua aba; wɔte pon ho renom kɔfe. 3. Onua Garcia resua ade; wagyae ne ne mma mmea no baako rebɔ nkɔmmɔ. 4. Onua ne Onuawa Garcia de Bible no ne wɔn babea baako resusuw nsɛm ho.

Yi VIDEO a yɛato din Yɛ Nhwɛso Ma Wo Mma Nsuasua. Afei bisa sɛ:

  • Nneɛma pa bɛn na Onua ne Onuawa Garcia kyerɛkyerɛɛ wɔn mma mmea no?

  • Video yi, sɛn na akanyan wo sɛ kɔ so yɛ nhwɛso pa ma wo mma?

Sɛ woyɛ nhwɛso pa a, ebetumi ama woakyerɛkyerɛ wo mma . . .

  • ma wɔasisi gyinae pa wɔ anigyede, nsã a ɛbow, ne sɛnea wɔde sohyia midia bɛyɛ adwuma ho

  • ma wɔde nneɛma a ɛfa Yehowa som ho adi kan

  • na sɛ wɔware a wɔadɔ wɔn kununom anaa wɔn yerenom na wɔabu wɔn

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 20 ¶13-20

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 73 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena