Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 March kr. 2-16
  • March 3-9

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March 3-9
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 March kr. 2-16

MARCH 3-9

MMEBUSƐM 3

Dwom 8 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Kyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So

(Simma 10)

Fa wo ho to Yehowa so; mfa wo ho nto w’ankasa so (Mme 3:5; ijwbv asɛm 14 ¶4-5)

Hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na fa yɛ adwuma; woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wode wo ho to no so (Mme 3:6; ijwbv asɛm 14 ¶6-7)

Nnye wo ho nni dodo (Mme 3:7; be 76 ¶4)

Onuawa ababaa bi de tablɛt reyɛ nhwehwɛmu; ɛfa botae a obetumi de asisi n’ani so ho. Wohwɛ ne benkum a, sukuupɔn ho nhoma gu hɔ. Wohwɛ ne nifa nso a, Betel ho nkrataa ne ɔsom adwuma ho akwammisa nkrataa gu hɔ.

BISA WO HO SƐ, ‘Biribiara a meyɛ wɔ m’asetena mu no, ɛyɛ a mehwehwɛ Yehowa akwankyerɛ anaa?’

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 3:3—Sɛ Bible ka sɛ yɛmfa ɔdɔ a enni huammɔ ne nokwaredi nkyekyere yɛn kɔn na yɛnkyerɛw ngu yɛn koma pon so a, ɛkyerɛ sɛn? (w06 9/15 17 ¶7)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 3:​1-18 (th adesua 12)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 3) AFIE AFIE ASƐNKA. Fa no sɛ ofiewura no de asɛm bi a nkurɔfo taa de yi wɔn ho ano wɔ mo asaasesin mu atwa w’ano; kyerɛ nea wobɛyɛ. (lmd adesua 1 nkyekyɛm 5)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BAGUAM ADANSEDI. Ka jw.org ho asɛm kyerɛ onipa no, na ma no jw.org kaad no bi. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)

6. Ɔkasa

(Simma 5) w11 3/15 14 ¶7-10—Asɛmti: Sɛ Woreka Asɛmpa No, Na Nkurɔfo Nkyerɛ Ho Anigye a, Kyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Onyankopɔn So. (th adesua 20)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 124

7. Kyerɛ Sɛ Wowɔ Ahotoso Wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu

(Simma 15) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Ebia ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛde akwankyerɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu no bɛyɛ adwuma. Nanso, esiane sɛ nnipa a wɔdi nneɛma anim wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu nyɛ pɛ nti, sɛ wɔde akwankyerɛ ma yɛn a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛde bɛyɛ adwuma, titiriw, bere a yɛnte ase anaa yɛne wɔn nyɛ adwene no.

Kenkan Malaki 2:7. Afei bisa sɛ:

  • Nnipa a wɔnyɛ pɛ na Yehowa de wɔn yɛ adwuma ma wɔkyerɛ ne nkurɔfo kwan. Adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwanwa?

Kenkan Mateo 24:45. Afei bisa sɛ:

  • Yebetumi de yɛn ho ato akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no so. Adɛn ntia?

Kenkan Hebrifo 13:17. Afei bisa sɛ:

  • Wɔn a Yehowa ayi wɔn sɛ wɔnni yɛn anim no, sɛ wɔma yɛn akwankyerɛ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

Onua bi de aduan akɔma abusua bi. Wɔn nyinaa hyehyɛ nose mask. Onua no atwe ne ho kakra, ɛnna wɔreyɛ wɔn ho baabae.
Onuawa bi rema mmuae wɔ adesua ase. Onua bi a okura akasam a ɛhyɛ akasam dua so gyina ne nkyɛn; watwe mu ama onuawa no rekasa gu mu. Obiara a ɔwɔ Ahenni Asa no so hyɛ nose mask.

Yi VIDEO a yɛato din Afe 2021 Amanneɛbɔ a Efi Akwankyerɛ Kuw No Hɔ #9—Ne Fã Bi. Afei bisa sɛ:

  • Bere a COVID-19 bae no, Yehowa ahyehyɛde no maa yɛn akwankyerɛ. Akwankyerɛ a wɔde maa yɛn no, sɛn na ama ahotoso a wowɔ wɔ ahyehyɛde no mu no ayɛ den?

8. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 23 ¶9-15, ne nnaka a ɛwɔ kr. 184, 186

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 57 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena