Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb25 March kr. 6-16
  • March 24-30

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • March 24-30
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2025
mwb25 March kr. 6-16

MARCH 24-30

MMEBUSƐM 6

Dwom 11 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)

BIBLE MU AKORADE

1. Ɛdɛn Na Yebetumi Asua Afi Ntɛtea Hɔ?

(Simma 10)

Sɛ yɛhwɛ ntɛtea a, yebetumi asua nneɛma pa pii afi wɔn nkyɛn (Mme 6:6)

Ɛwom sɛ ntɛtea nni otitiriw de, nanso Ɔbɔadeɛ no de nyansa ahyɛ wɔn mu, enti wɔyɛ adwumaden, baakoyɛ wɔ wɔn mu, na wɔsiesie wɔn ho ma nea ebesi daakye (Mme 6:​7, 8; it-1 115 ¶1-2)

Eye sɛ yebesuasua ntɛtea (Mme 6:​9-11; w00 9/15 26 ¶3-4)

Ntɛtea a wɔso nhaban.

© Aerial Media Pro/Shutterstock

2. Tweetwee Bible Mu

(Simma 10)

  • Mme 6:​16-19—Bɔne a wɔabobɔ din wɔ kyerɛwnsɛm yi mu no, ɛno nko ara ne nea Yehowa kyi anaa? (w00 9/15 27 ¶3)

  • Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?

3. Bible Akenkan

(Simma 4) Mme 6:​1-26 (th adesua 10)

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO

4. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ wo busuani bi a wagyae asɛnkakɔ ma ommetie ɔkasa titiriw no, na ɔmmra Nkaedi no bi. (lmd adesua 4 nkyekyɛm 3)

5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Srɛ kwan a wode bɛkɔ Nkaedi no fi w’adwumawura hɔ. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 3)

6. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase

(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. To nsa frɛ onipa no ma ommetie ɔkasa titiriw no, na ɔmmra Nkaedi no bi. (lmd adesua 5 nkyekyɛm 3)

KRISTOFO ABRABƆ

Dwom 2

7. Nneɛma a Yehowa Abɔ Ma Yehu Sɛ, Ɔpɛ Sɛ Yɛn Ani Gye—Mmoa a Wɔn Ho Yɛ Anika

(Simma 5) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ.

Yi VIDEO no. Afei bisa sɛ:

  • Sɛ yɛhwɛ mmoa a Yehowa abɔ a, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

8. Asafo Mu Ahiade

(Simma 10)

9. Asafo Bible Adesua

(Simma 30) bt ti 24 ¶7-12, ne adaka a ɛwɔ kr. 193

Nsɛm a Wɔde Wie (Simma 3) | Dwom 126 Ne Mpaebɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena