APRIL 7-13
MMEBUSƐM 8
Dwom 89 Ne Mpaebɔ | Nnianim Nsɛm (Simma 1)
1. Nyansa Kasa Te Sɛ Onipa—Tie No
(Simma 10)
Yesu, ɔno ne nyansa a ɛkasa te sɛ onipa no; Yehowa bɔɔ no “de fii ne kwan ase” (Mme 8:1, 4, 22; cf 130 ¶7)
Mfe mpempem pii a Yesu tenaa Yehowa nkyɛn ne no bɔɔ ade no, ɛma ohuu nyansa paa, na ɔdɔ a ɔwɔ ma n’Agya no nso yɛɛ kɛse (Mme 8:30, 31; cf 131 ¶8-9)
Sɛ yetie Yesu a, yenya ne nyansa so mfaso (Mme 8:32, 35; w09 4/15 31 ¶14)
2. Tweetwee Bible Mu
(Simma 10)
Mme 8:1-3—Sɛn na nyansa kɔ so “teɛm denneennen”? (g 5/14 16)
Bere a wotweetwee nnawɔtwe yi Bible akenkan mu no, dɛn na wuhui a wopɛ sɛ woka ho asɛm?
3. Bible Akenkan
(Simma 4) Mme 8:22-36 (th adesua 10)
4. Yɛ Sankɔhwɛ
(Simma 4) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Obi pɛ sɛ ɔba Nkaedi no bi. Wabisa wo nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ; ma no mmuae. (lmd adesua 9 nkyekyɛm 3)
5. Hyɛ Nkɔmmɔ Ase
(Simma 3) BERE A WUNNI ASƐNKA MU. Obi huu Nkaedi nsato krataa a ɛhyɛ ne pon ase, enti ama waba bi. Ma no akwaaba, na sɛ yɛpɔn dwumadi no nso a, nsɛmmisa biara a ɔwɔ no, ma no mmuae. (lmd adesua 3 nkyekyɛm 5)
6. Kyerɛkyerɛ Wo Gyidi Mu
(Simma 5) Ɔkasa. ijwbq asɛm 160—Asɛmti: Adɛn Nti Na Wɔfrɛ Yesu Sɛ Onyankopɔn Ba? (th adesua 1)
Dwom 105
7. Asafo Mu Ahiade
(Simma 15)
8. Asafo Bible Adesua
(Simma 30) bt ti 25 ¶1-4, ne adaka a ɛwɔ kr. 199