Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w20 June kr. 17
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wobɛkɔ So ‘Anantew Honhom Mu’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • So Worema Onyankopɔn Honhom Akyerɛ Wo Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Kɔ So ‘Sow Aba Pii’
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
w20 June kr. 17

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

“Honhom no aba” no fã ahorow no, ne nyinaa na wɔabobɔ din wɔ Galatifo 5:22, 23 no anaa?

  • ƆDƆ

  • ANIGYE

  • ASOMDWOE

  • ABODWOKYƐRE ANAA ABOTARE

  • AYAMYE

  • PAPAYƐ

  • GYIDI

  • ODWO

  • AHOSODI

Galatifo 5:22, 23 bobɔ suban nkron a ɛsɛ sɛ Kristofo nya. Ɛhɔ ka sɛ: “Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi.” Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ saa suban pa yi nko ara na Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ama yɛanya.

Wo de, hwɛ nea ɔsomafo Paul kae ansa na ɔreka honhom no aba ho asɛm. Ɔkaa sɛ: ‘Ɔhonam nnwuma no ne aguamammɔ, afide, ahohwi, abosonsom, ahonhonsɛmdi, nitan, ntawntawdi, ahoɔyaw, bobɔne, mansotwe, mpaapaemu, fekusɛm, anibere, nsawe, anigye ntraso, ne nneɛma a ɛtete saa.’ (Gal. 5:19-21) “Nneɛma a ɛtete saa” a Paul kae no ma yehu sɛ suban pii wɔ hɔ a anka obetumi abobɔ aka “ɔhonam nnwuma no” ho. Ebi na ɛwɔ Kolosefo 3:5 no. Saa ara na bere a ɔbobɔɔ suban pa nkron no wiei no ɔkaa sɛ: “Mmara biara ntia eyinom.” Enti, suban pa a honhom kronkron betumi aboa yɛn ama yɛanya no, ɛnyɛ ne nyinaa na Paul bobɔɔ din wɔ ha

Sɛ yɛde suban a Paul bobɔɔ so wɔ Galatifo 5:22, 23 no toto nea ɔkyerɛw kɔmaa asafo a na ɛwɔ Efeso no ho a, yehu sɛ saa asɛm yi nokware. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hann aba no ne papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa.” (Efe. 5:8, 9) “Papayɛ” ne trenee ne nokware ka “hann aba no” ho, nanso ɛsan yɛ “honhom no aba” no fã.

Saa ara na Paul hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ onnya suban pa nsia bi. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ‘onni adetrenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, ne odwo akyi.’ (1 Tim. 6:11) Suban ahorow yi mu mmiɛnsa pɛ (gyidi, ɔdɔ, ne odwo) na ɛyɛ “honhom no aba” no fã. Nanso, na ehia sɛ Timoteo di adetrenee, onyamesom pa, ne boasetɔ nso akyi, na na onim sɛ, sɛ obetumi anya saa suban ahorow yi a, gye sɛ ɔma honhom kronkron boa no.—Fa toto Kolosefo 3:12; 2 Petro 1:5-7 ho

Enti ɛnyɛ suban a ɛsɛ sɛ Kristofo nya nyinaa na Galatifo 5:22, 23 bobɔ din. Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn ama yɛanya “honhom no aba” no fã ahorow nkron a wɔabobɔ din no. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho kokwaw sɛ nokware Kristofo na ‘yɛhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu no’ a, suban foforo pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yenya.—Efe. 4:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena