Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w23 November kr. 31
  • Hulda Duu Ne Botae Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hulda Duu Ne Botae Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhomakorabea Ketewese
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm a Wɔka Wɔ Fiji Nsupɔw no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • “Obiara Nnaa Ɔdɔ a Ɛte Saa Adi Nkyerɛɛ Me Da”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
w23 November kr. 31

Hulda Duu Ne Botae Ho

SUPƆW ketewa bi a wɔfrɛ no Sangir Besar a ɛwɔ Indonesia no, sɛ wokɔɔ hɔ mfe bi a atwam a, ebia anka wubehu yɛn nuanom Kristofo mmea mmiɛnsa bi wɔ mpoano hɔ. Asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ supɔw no so nti, obiara nim wɔn; wɔboa nkurɔfo ma wɔte Bible no ase. Nanso saa bere no, sɛ wowɔ hɔ a, anka wubehu sɛ wɔreyɛ adwuma foforo koraa.

Map a ɛkyerɛ Indonesia ne aman a atwa ho ahyia. Mfoni a ɛwɔ mfinimfini no ma yehu Sangir Besar supɔw ketewaa no.

Sangir Besar supɔw a ɛwɔ Indonesia atifi fam

Nea edi kan, wɔsii nsu no mu kɔsesaw abo akɛse de baa mpoano. Ná abo no bi kɛse te sɛ bɔɔl. Afei, mmea no tenatenaa nkongua ntiantiaa so, na wɔde hamma paapae abo no ma ɛyɛɛ nketenkete sen akokɔ nkosua. Mmea no wiei no, wɔsesaw abo nketenkete no guu rɔba bokiti mu, na wɔsoa de foroo stɛps kɔɔ baabi a wɔte. Ɛno akyi no, wɔde abo no guu nkotoku akɛse mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asoa agu lɔre mu ma nkurɔfo de akɔyɛ akwan.

Hulda resesaw abo wɔ mpoano

Anuanom mmea mmiɛnsa yi, na baako din de Hulda. Ná ɔde bere pii yɛ saa adwuma no sen wɔn a aka no. Sɛ ɔyɛ adwuma no a, sika a na onya no, na ɔde totɔ nneɛma a n’abusua hia da biara da. Nanso afei de na ɔpɛ sɛ ɔde ne sika no yɛ biribi foforo ka nea ɔyɛ daa no ho. Ná ɔpɛ tablɛt sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de JW Library® app no agu so. Ná Hulda nim sɛ video ne nneɛma foforo a ɛwɔ app no so no bɛboa no ama n’asɛnka adwuma no atu mpɔn na wate Bible no ase yiye.

Anɔpa biara na Hulda de nnɔnhwerew mmienu pae abo de gu lɔre ketewa bi mu kosi sɛ ɛbɛyɛ ma; ɔyɛɛ saa bosome baako ne fã. Ewiee ase no, onyaa sika a ɔde bɛtɔ tablɛt no.

Hulda kura ne tablɛt

Hulda ka sɛ, “Ɛwom sɛ mebrɛe na abo no bi twitwaa me, nanso bere a metɔɔ tablɛt no, ɛboaa me ma mitumi yɛɛ asɛnka adwuma no yiye, na na ɛnyɛ den sɛ mede besua ade ansa na makɔ adesua. Wei nti, ankyɛ koraa na me werɛ fii yaw a mefaa mu no nyinaa.” Afei nso, ɔkaa sɛ COVID-19 nsanyare no hyɛɛ ase no, esiane sɛ na yɛyɛ asafo no dwumadi biara wɔ video so nti, tablɛt no boaa no paa. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Hulda tumi duu ne botae ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena