Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 February kr. 28-29
  • Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Dɛn Ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw No?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nnipa Foforo a Wɔabɛka Sodikuw no Mufo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 February kr. 28-29

Anuanom Mmienu a Wɔabɛka Akwankyerɛ Kuw No Ho

WUKUDA, January 18, 2023 no, wɔde amanneɛbɔ soronko bi too jw.org. Wɔkaa sɛ Onua Gage Fleegle ne Onua Jeffrey Winder abɛka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho. Anuanom mmienu yi de nokwaredi asom Yehowa mfe pii.

Gage Fleegle ne ne yere Nadia

Onua Fleegle nyinii wɔ Pennsylvania atɔe a ɛwɔ U.S.A.; n’awofo tetee no wɔ nokware no mu. Ɔyɛ aberantewa no, n’abusua tu kɔɔ baabi a mmoa ho hia wɔ akuraa bi ase. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔbɔɔ asu November 20, 1988.

Daa na Onua Fleegle awofo hyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Ná wɔtaa ma amansin so ahwɛfo ne Betelfo ba wɔn fie, na Onua Fleegle hui sɛ saa anuanom yi ani gye paa. Ɔbɔɔ asu no, ankyɛ na ofii akwampae adwuma no ase wɔ September 1, 1989. Bere a odii mfe 12 no, ɔde sii n’ani so sɛ ɔbɛkɔ Betel. Enti, bere a ofii akwampae adwuma no ase mfe mmienu akyi no, otumi duu saa botae no ho. Ɔkɔɔ Brooklyn Betel wɔ October 1991.

Onua Fleegle kɔɔ Betel no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔpam nhoma mfe nwɔtwe. Ɛno akyi no, wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea. Saa bere no, ɔtenaa asafo a ɛka Russia kasa mu mfe kakra. Afe 2006 no, ɔwaree Nadia, na ɔbɛkaa ne ho wɔ Betel. Wɔabom asom wɔ Portuguese asafo mu, na wɔde bɛboro mfe du nso asom wɔ Spanish asafo mu. Onua Fleegle de mfe pii yɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea hɔ. Ɛno akyi no, wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no ɔfese, na akyiri yi ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Boayikuw no ɔfese. March 2022 no, wɔpaw no sɛ Ɔsom Boayikuw a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no ase no boafo.

Jeffrey Winder ne ne yere Angela

Onua Winder nyinii wɔ Murrieta, California a ɛwɔ U.S.A. N’awofo tetee no wɔ nokware no mu, na ɔbɔɔ asu wɔ March 29, 1986. Bosome a edi hɔ no ara, ofii akwampae boafo adwuma no ase. N’ani gyee ho paa, enti na ɔpɛ sɛ ɔtoa so. Bere a ɔyɛɛ akwampae boafo abosome kakra akyi no, ɔde daa akwampae adwuma no toaa so wɔ October 1, 1986.

Bere a Onua Winder yɛ aberantewa no, ɔkɔsraa ne nua mmarima mpanyimfo mmienu a na wɔsom wɔ Betel. Saa nsrahwɛ no kanyan no ma bere a onyinii no, ɔhyehyɛɛ Betel akwammisa krataa. May 1990 no, wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔsom wɔ Wallkill Betel.

Bere a Onua Winder kɔɔ Betel no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea ahorow pii. Ebi ne dwumadibea a ɛhwɛ ahotew so, dwumadibea a ɛhwɛ mfuw so, ne dwumadibea a ɛhwɛ Betel so. Afe 1997 no, ɔwaree Angela, na wɔabom asom wɔ Betel besi nnɛ. Afe 2014 no, wɔyii wɔn kɔɔ Warwick, na Onua Winder kɔboaa wiase nyinaa adwumayɛbea ti a na wɔresi no. Afe 2016 no, wɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, na Onua Winder kɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔdio Ne Video Dwumadibea. Mfe nnan akyi no, wɔsan kɔɔ Warwick, na Onua Winder kɔyɛɛ adwuma wɔ Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw no ɔfese. March 2022 no, Adwumayɛfo Yiyedi Boayikuw a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no ase no, wɔpaw no kaa aboafo no ho.

‘Nnipa a wɔyɛ akyɛde’ a wɔreyɛ adwumaden wɔ Yehowa som mu yi, yɛn mpaebɔ ne sɛ Yehowa nhyira wɔn paa.—Efe. 4:8.

Seesei, Akwankyerɛ Kuw no mufo yɛ nkron; wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔasra wɔn. Wɔn ne: Kenneth Cook, Jr.; Gage Fleegle; Samuel Herd; Geoffrey Jackson; Stephen Lett; Gerrit Lösch; Mark Sanderson; David Splane; ne Jeffrey Winder.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena