NEA WUBETUMI ASUA HO ADE
Yere Wo Ho Sua Ade Yiye, Na Ɛbɛma Woakɔ So Awɛn
Kenkan Daniel 9:1-19, na ɛbɛma woahu nea enti a ehia sɛ woyere wo ho sua ade yiye.
Kenkan ho nsɛm pii. Nsɛm bɛn na na esisii nkyɛe, na sɛn na ɛkaa Daniel asetena? (Dan. 5:29–6:5) Sɛ wone Daniel a, anka wobɛte nka sɛn?
Yɛ ho nhwehwɛmu. Ɛbɛyɛ sɛ “nhoma kronkron ahorow” bɛn na Daniel hwehwɛɛ mu? (Dan. 9:2, ase hɔ asɛm; w11 4/1 12 ¶2) Adɛn nti na Daniel kaa ɔno ara ne bɔne ne Israel man no bɔne kyerɛɛ Yehowa? (Lev. 26:39-42; 1 Ahe. 8:46-50; dp 182-184) Sɛn na Daniel mpaebɔ no ma yehu sɛ na ɔyere ne ho sua Onyankopɔn Asɛm no yiye?—Dan. 9:11-13.
Hwehwɛ asuade no. Bisa wo ho sɛ:
‘Dɛn na mɛyɛ na nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no antwetwe m’adwene?’ (Mika 7:7)
‘Sɛnea Daniel yɛe no, sɛ me nso meyere me ho sua Onyankopɔn Asɛm no yiye a, ɛbɛboa me sɛn?’ (w04 8/1 12 ¶17)
“Dɛn na misua ho ade a, ɛbɛboa me ma ‘makɔ so awɛn’?” (Mat. 24:42, 44; w12 8/15 5 ¶7-8)