ADESUA HO NYANSAHYƐ
Siesie Wo Koma
Sɛ yesua Bible a, yɛpɛ sɛ nea yesua fa Yehowa ho no ka yɛn koma na ɛsesa yɛn abrabɔ. Esra yɛɛ wei ho nhwɛso fɛfɛɛfɛ maa yɛn; ‘osiesiee ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu.’ (Esra 7:10) Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma?
Bɔ mpae. Bere biara a wubesua ade no, di kan bɔ mpae. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na te nea worebesua no ase na woatumi de abɔ wo bra.—Dw. 119:18, 34.
Brɛ wo ho ase. Ebinom wɔ hɔ a, ahantan nti ɛyɛ wɔn sɛ wɔnim biribiara. Saa nkurɔfo no, Onyankopɔn de nokware no asie wɔn. (Luka 10:21) Mfa nyɛ wo botae sɛ woresua ade de apɛ anuonyam. Afei nso, sɛ wusua biribi na wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae a, brɛ wo ho ase na yɛ.
Tie asafo nnwom no bi. Nnwom wɔ hɔ yi, tumi wom paa. Enti sɛ yetie asafo dwom bi ansa na yɛasua ade a, ebetumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nea yɛrebesua no so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛka yɛn koma.