Dɛn Na Wohwɛ Kwan Sɛ Wubenya Afi Wo Som Mu?
OBIARA a ɛsom biribi no wɔ atirimpɔw nti a ɔyɛ saa. Onya anaasɛ n’ani da so sɛ obenya nea ɔte nka sɛ ɛho bɛba mfaso ama no no afi ne som mu.
Tete Kristosom de Onyankopɔn Asɛm no ho ntease a ɛka ase ne abusuabɔ a ɛda wɔne Onyankopɔn no ne Ba, Yesu Kristo ntam a ɛma obi koma tɔ ne yam no mae. Kristofo nyaa wɔn da biara da ɔhaw horow no ano aduru denam Kyerɛwnsɛm no a na wɔwɔ ne asomafo no nkrataa a wofi honhom mu kyerɛwee a wosuae no so. Bible no ho nimdeɛ ma wonyaa suban pa wɔ wɔn mu. Wɔn ani gyei na wonyaa akomatɔyam wɔ afoforo a wokura gyidi a ɛte sɛ wɔn de no a wɔne wɔn bɔ no mu, efisɛ nnipa a wɔne wɔn bɔ yɔnko yi ho tew, wodi mmara so na wɔdɔ nnipa. Gyidi a wɔwɔ no nso hyɛɛ wɔn ma wɔde nokware no ho nimdeɛ a wɔasua no maa afoforo.
Nsakrae wɔ Nea Wosusuw Mu
Ɛnnɛ de yehu nsakrae kɛse wɔ nea wosusuw sɛ ɔsom te na ɛsɛ sɛ ɛyɛ no mu. Copley News Service no kaa su a aba no ho asɛm na ɛfaa asɛm a Rawley Myers, a ɔyɛ Roma Katolek sɔfo kae no kaa asɛm, na ɔkae sɛ ɔsɔfo no kyerɛ sɛ ade a edi kan a ehia sɛ ɔsɛnkafo yɛ bere a ɔde Bible mu asɛm bi rema ne sɛ, ne nsa bɛka nnipa no adwene, na sɛ́ ɔbɛfa asɛm afi Bible no mu aka no yɛ ɔkwan a ɛnteɛ a wɔfa so yɛ no. Ɔkae sɛ: “Sɛ ɔsɔfo bi de Kyerɛwnsɛm no mu asɛm a ɔfa ka asɛm fi ase a, mpɛn pii no na wadi kan adeda nnipa no mu pii dedaw.” Ɛte sɛ nea wɔmpɛ Bible mu nkyɛrɛkyerɛ, efisɛ amanneɛbɔ no kɔɔ so kae sɛ: “Adwene a wokura sɛ wɔkɔ asɔre na wɔde akɔhwehwɛ mmoa na wɔde agyina wɔn nsenom, mmarimaa ne mmeawa, okununom asabofo, abusua mu ɔyare ne ɔhaw ahorow ano no yɛ nea agye din yiye nnɛ.”
Ade a Wɔpɛ Ankasa No
Nanso, so asɛm no yɛ nea ɛfa nea onii ko anaasɛ asafo no pɛ ho? Anaasɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn nim sɛ ehia nnipa? Sɛ yɛkɔ Bible no mu kohu nea Onyankopɔn ka, na sɛ yɛnam saa yɛ so nya Bible no honhom a, ebetumi aboa yɛn na yɛatumi agyina abusuabɔ a ɛda aware mu ahokafo, nsenom ne mmofra ne abusua no mu nnipa afoforo ne yɛn ankasa yɛn haw horow no ano anaasɛ yɛanya ano aduru. Yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn mmoa so denam mpaebɔ so sɛnea Bible—no hyɛ bɔ no: “Monnna nnnwen biribiara nhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma no mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Fil. 4:6, 7.
Enti nsemmisa ahorow abiɛsa a ɛho hia da wɔn ho adi: So mepɛ ɔsom a egyina Bible no so, anaasɛ kwasafo, nyansapɛ som? Na sɛ mepaw Bible mu som a, pii yi mu nea ɛwɔ he na edi Bible no akyi ankasa? Ɔsom bɛn na etumi boa nnipa ma wogyina ɔhaw horow a wohyia wɔ mprempren wiase yi mu no ano na afei nso ɛde honhom mu mfaso ankasa ma?
Mpɛɛpɛɛmu a Yɛbɛyɛ
Sɛ woyɛ ɔsom bi muni na sɛ wopɛ sɛ wuhu nea ɛyɛ nokware som a, nea ɛbɛba ara ne sɛ wobɛhwɛ wo ankasa wo som no kan. Titiriw no wobɛpɛ sɛ wuhu nneɛma horow abiɛsa yi: (1) So me som no boa me ma mete Bible no ase.’ So ɛde daa Bible mu adesua a akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwa denam adesua, nimdeɛ ne gyidi a wɔn ankasa wɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no so ma anaa? (2) So ne nkyerɛkyerɛ no ayɛ nsakrae akɛse wɔ emufo no suban ne akwan horow a wɔfa so tra ase no mu ma enti wɔtra ase sɛ nokware Kristofo, na afei nso so nokware dɔ ne biakoyɛ wɔ wɔn mu anaa? (3) So m’asɔre no ‘yi ne ho fi wiase yi nkekae mu,’ a abrabɔ bɔne a aba fam, n’amammui, ne ntawtawdi nkekaa ne ho, sɛnea Kristoni ɔkyerɛwfo Yakobo kyerɛkyerɛɛ su a ɛsɛ sɛ wohu wɔ nokware som mu no mu wɔ Yakobo 1:27 no?
Nnipa pii na wɔadan wɔn ani rehwɛ wɔn som no bio wɔ ɔhaw bere yi mu. Sɛ́ woyɛ abofra anaasɛ ɔpanyin no, ɛyɛ bere a ɛfata a ɛsɛ sɛ wode yɛ saa. Sɛ w’adwene mu yɛ wo naa wɔ wo som no ho a, nea edi kan no tra ase na kenkan Bible no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a wo ne wo yere anaasɛ wo kunu ne abusua no mufo afoforo. Fa Bible Concordance anaasɛ nsɛm nkorɛnkorɛ asekyerɛ nhoma pɛɛpɛɛ w’asɔre no nkyerɛkyerɛ mu na hwɛ sɛ ɛne Bible no hyia anaa. Afei nso susuw sɛ́ wo som no resow aba pa no ho. So asɔre no mufo yi “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye papayɛ gyidi, odwo, ahosodi” adi anaa? (Gal. 5:22, 23) So Bible mu nokware ahorow a wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo no yɛ nkanyan wɔ wɔn mu? So wo som no twe ne ho fi ‘wiase no mu nkekae’ ho?
Sɛ wuhu sɛ wo som no nnu nea wɔhwɛ kwan yi mu binom ho a, ɛnde hwehwɛ Kristofo a wɔrebɔ mmɔden ahwehwɛ afoforo na wɔaboa wɔn ama wɔate Bible no ase no—wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne afoforo sua Bible no anaasɛ wɔne wo bɔ ho nkɔmmɔ. Afei nso hwɛ hu sɛ wofi koma kronn mu na ɛyɛ eyi a ɛnyɛ sɛ wɔ aguadi anaasɛ pɛsɛmenkominya adwene bi nti, na mmom wɔ asomdwoe honhom a efi Onyankopɔn asɛm no mu no mu. Afei hwɛ hu sɛ so wodi tete Kristo asuafo no nhwɛso no akyi anaa. Wo ne Kristofo a sɛnea Bible mu afotu kyerɛ no ‘wosususw afoforo ho twetwe wɔn kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ no mmɔ.—Heb. 10:24, 25.
Sɛ woyɛ saa a, wubenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bɛboa wo ama wo nsa aka nea ehia wo no afi ɔsom mu ne afei nso nea ɛbɛma wo koma atɔ wo yam ankasa.—Mat. 6:33, 34.